12
Miriam Ne Aaron Tia Mose
Miriam ne Aaron kasa tiaa Mose sɛ ne yere yɛ Etiopiani. Wɔkae se, “Mose nko ara na Awurade akasa afa ne so ana? Na yɛn nso ɔnkasa mfa yɛn so bi ana?” Na Awurade tee wɔn anwiinwii no.
Na Mose yɛ ɔhobrɛaseni sen obiara a ɔte asase yi so.
Ntɛm so, Awurade frɛɛ Mose, Aaron ne Miriam kɔɔ Ahyiae Ntamadan no mu. Ɔhyɛɛ wɔn se, “Mo baasa no mommra Ahyiae Ntamadan mu ha.” Enti wobegyinagyinaa Awurade anim. Afei, Awurade nam omununkum fadum mu sian ba begyinaa Ahyiae Ntamadan no kwan ano, na ɔfrɛɛ Aaron ne Miriam. Bere a wotwiw kɔɔ wɔn anim no, ɔkae se, “Muntie me nsɛm:
“Sɛ odiyifo wɔ mo mu a,
Me, Awurade, menam anisoadehu so da me ho adi kyerɛ no,
me kasa kyerɛ no wɔ dae mu.
Nanso ɛnte saa wɔ me somfo Mose ho.
Me fi nyinaa mu no, ɔyɛ ɔnokwafo.
Me ne no kasa anim ne anim,
kasa a emu da hɔ na ɛnyɛ abisae mu.
Na ohu Awurade sɛnea ɔte.
Adɛn nti na moansuro
sɛ mobɛkasa atia me somfo Mose?”
Awurade bo fuw wɔn dennen pa ara na ofii hɔ kɔe.
10 Bere a omununkum no fii Ahyiae Ntamadan no atifi no, kwata beduruu Miriam ho fitaa sɛ sukyerɛmma. Aaron twaa nʼani huu sɛ ɔwɔ ɔhonam ani yare a ɛyɛ fi no, 11 ɔka kyerɛɛ Mose se, “Me wura, mesrɛ wo, nnyina saa bɔne a yɛnam nkwaseasɛm so adi yi so ntwe yɛn aso. 12 Mma no nyɛ sɛ akokoaa a wawu wɔ ne yam a ne fa aporɔw.”
13 Na Mose teɛɛ mu frɛɛ Awurade se, “Onyankopɔn, mesrɛ wo sɛ sa no yare!”
14  Awurade buaa Mose se, “Sɛ nʼagya tew ntasu guu nʼanim a, anka nʼanim rengu ase nnanson? Munyi no mfi atenae ha nkɔhyɛ baabi nnanson na akyiri no, obetumi asan aba.” 15 Enti wotwaa Miriam asu fii atenae hɔ ma okodii nnanson. Nnipa no twɛn kosii sɛ wɔsan de no bae ansa na wɔretu kwan no bio.
16 Ɛno akyi no, wofii Haserot bɛbɔɔ atenae wɔ Paran sare so.