33
Israelfo Akwantu
Eyi ne akwantu nhyehyɛe a Israelfo dii so bere a Mose ne Aaron de wɔn fi Misraim no. Mose kyerɛw faako a wɔfaa nyinaa sɛnea Awurade kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ no. Eyinom ne mmeae ahorow a wɔsoɛɛ wɔ wɔn akwantu no mu.
 
Wosii mu fii Rameses kuropɔn no mu wɔ Twam Afahyɛ a edi kan no akyi ɔsram edi kan da ɛto so dunum. Wɔde akokoduru fii hɔ a Misraimfo no rehwɛ wɔn. Saa bere no na Misraimfo no resie wɔn mmakan a Awurade kunkum wɔn anadwo a ade rebɛkye ama wɔatu kwan no, efisɛ na Awurade de atemmu aba wɔn anyame no nyinaa so.
Wofii Rameses no, wɔbɛbɔɔ atenae wɔ Sukot.
Wofii Sukot bɛbɔɔ atenae wɔ Etam, sare no ano.
Wofii Etam san wɔn akyi baa Pihahirot a ɛwɔ Baal-Sefon apuei fam, na wɔbɔɔ atenae bɛnee bepɔw Migdol.
Wofi Pihahirot, na wotwaa Po Kɔkɔɔ no kɔɔ sare so. Wɔde nnansa nantew faa Etam sare so kɔbɔɔ atenae wɔ Mara.
Wofii Mara no, wɔbaa Elim; baabi a na mmura dumien ne mmedua aduɔson wɔ hɔ.
10 Wofii Elim no, wɔbɔɔ atenae wɔ Po Kɔkɔɔ no ho.
11 Wofii Po Kɔkɔɔ no ho, kɔbɔɔ atenae wɔ Sin nweatam so.
12 Wotu fii Sin sare so kɔbɔɔ atenae Dofka.
13 Wofii Dofka kɔbɔɔ atenae wɔ Alus.
14 Wofii Alus kɔbɔɔ atenae wɔ Refidim, baabi a na wonnya nsu mma nnipa no nnom.
15 Wofii Refidim no, wɔkɔbɔɔ atenae wɔ Sinai sare so.
16 Wofii Sinai sare so no, wɔkɔɔ atenae wɔ Kibrot-Hataawa.
17 Wofii Kibrot-Hataawa no, wɔkɔbɔɔ atenae wɔ Haserot.
18 Wofii Haserot kɔbɔɔ atenae wɔ Ritma.
19 Wofii Ritma kɔbɔɔ atenae wɔ Rimon Peres.
20 Wofii Rimon Peres kɔbɔɔ atenae wɔ Libna.
21 Wofii Libna kɔbɔɔ atenae wɔ Risa.
22 Wofii Risa kɔbɔɔ atenae wɔ Kahelata.
23 Wofii Kahelata kɔbɔɔ atenae wɔ Sefer Bepɔw so.
24 Wofii Sefer Bepɔw so kɔbɔɔ atenae wɔ Harada.
25 Wofii Harada kɔbɔɔ atenae wɔ Makhelot.
26 Wofii Makhelot kɔbɔɔ atenae wɔ Tahat.
27 Wofii Tahat kɔbɔɔ atenae wɔ Tera.
28 Wofii Tera kɔbɔɔ atenae wɔ Mitka.
29 Wofii Mitka kɔbɔɔ atenae wɔ Hasmona.
30 Wofii Hasmona kɔbɔɔ atenae wɔ Moserot.
31 Wofii Moserot kɔbɔɔ atenae wɔ Beneyaakan.
32 Wofii Beneyaakan kɔbɔɔ atenae wɔ Horhagidgad.
33 Wofii Horhagidgad kɔbɔɔ atenae wɔ Yotbata.
34 Wofii Yotbata kɔbɔɔ atenae wɔ Abrona.
35 Wofii Abrona kɔbɔɔ atenae wɔ Esion-Geber.
36 Wofii Esion-Geber kɔbɔɔ atenae wɔ Kades, wɔ Sin sare so.
37 Wofii Kades kɔbɔɔ atenae wɔ Bepɔw Hor so, wɔ Edom hye ano. 38 Bere a woduu Bepɔw Hor ase no, Awurade ka kyerɛɛ ɔsɔfo Aaron se ɔnkɔ bepɔw no atifi, na ɛhɔ na okowui. Asɛm yi sii mfe aduanan so a Israelfo tu fii Misraim no. 39 Aaron dii mfe ɔha aduonu abiɛsa, bere a owuu wɔ Bepɔw Hor so no.
40 Saa bere no ara mu na Kanaanhene Arad a ɔtenaa Negeb wɔ Kanaan asase so no tee sɛ Israelfo no reba nʼasase so.
41 Israelfo no toaa wɔn akwantu no so fi Bepɔw Hor so kɔbɔɔ atenae wɔ Salmona.
42 Wofii Salmona kɔtenaa Punon.
43 Wofii Punon kɔtenaa Obot.
44 Wɔtoaa so kɔɔ Iye-Abarim, Moab hye so kɔtenaa hɔ.
45 Wofii hɔ no, wɔkɔtenaa Dibon Gad.
46 Wofii Dibon Gad kɔtenaa Almon Diblataim.
47 Wofii Almon Diblataim kɔtenaa Abarim mmepɔw a ɛbɛn Nebo no so.
48 Akyiri no, wotutu fii hɔ twaa mu wɔ Yeriko kɔbɔɔ atenae wɔ Moab tataw so wɔ Asubɔnten Yordan ho. 49 Wɔwɔ saa beae hɔ no, wɔtenaa mmeae bebree a ɛbɛn Asubɔnten Yordan ho—efi Bet-Yesimot kosi Abel Sitim a ɛwɔ Moab tataw so no.
 
50 Bere a wɔabɔ atenase wɔ hɔ no na Awurade nam Mose so kasa kyerɛɛ Israelfo no se, 51 “Sɛ mutwa Asubɔnten Yordan kodu Kanaan asase so a, 52 mompam nnipa a wɔte hɔ no nyinaa na monsɛe wɔn abosom ne ahoni a wɔde abo ayɛ ne nsɔree a wɔasisi no petee mu wɔ mmepɔw so ne mmeae a wɔsom wɔn ahoni no nyinaa. 53 Mede asase no ama mo. Momfa na montena so. 54 Munnyina ntontobɔ so nkyekyɛ asase no, sɛnea mo mmusua no te. Wɔn a wɔdɔɔso no, wɔbɛma wɔn asase kɛse na wɔn a wosua no nso benya asase ketewa. Sɛnea ntonto no besi abɔ biara no na ɛbɛyɛ wɔn de. Monhwɛ mo agyanom mmusua so mfa nkyekyɛ.
55 “Sɛ moampam nnipa a wɔte hɔ no a, wɔbɛyɛ mo ani ase mpe ne mo honam mu nsɔe. Wɔbɛhaw mo wɔ asase a mobɛtena so no so. 56 Na mede nea masusuw sɛ mɛyɛ wɔn no, bɛyɛ mo.”