34
Kanaan Ahye
Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Ka kyerɛ Israelfo no se: ‘Sɛ mubedu Kanaan asase no so a, asase a mede rema mo sɛ mo ankasa asase no a, sɛɛ na mo ahye bɛyɛ:
 
“ ‘Asase no anafo fam no bɛyɛ Sin sare so a ɛda Edom hye ano no fa bi. Anafo hye no ano befi apuei fam, Nkyene Po no anafo. Ɛbɛtoa so akɔtra Akrabbim wɔ anafo hɔ a ɛrekɔ Sin no. Nʼanafo pa ara no bɛyɛ Kades-Barnea, na efi hɔ akosi Hasarada de akowie Asmon. Efi Asmon a, ɔhye no bɛkɔ ara akosi Misraim asuwa no mu na ano akɔpem Ntam Po no ano.
Mo hye a ɛwɔ atɔe no bɛyɛ Ntam Po no ano.
Mo hye a ɛda atifi no befi ase wɔ Ntam Po no ano na atoa so akosi bepɔw Hor, de akɔ Lebo Hamat na akɔ Sedad na atoa so akɔ Sifron na akowie wɔ Hasar-Enan.
10 Apuei hye no befi Hasar-Enan akɔ Sefam. 11 Ɔhye no besian afi Sefam akosi Ribla wɔ Ain apuei fam. Efi hɔ a, ebesiansian afa mmepɔw no ase wɔ Galilea Po no apuei fam. 12 Ɔhye no besian afa Asubɔnten Yordan ho na akɔpem Nkyene Po no.
 
“ ‘Sɛnea mo nsase ne mo ahye te ni.’ ”
 
13 Afei Mose hyɛɛ Israelfo no se, “Momfa ntontobɔ so nkyekyɛ asase yi sɛ mo agyapade. Awurade ahyɛ sɛ wɔmfa mma mmusua akron ne fa no, 14 efisɛ Ruben ne Gad mmusuakuw no ne Manase abusua no fa no de, wɔanya wɔn agyapade dedaw. 15 Saa mmusua abien ne fa yi anya wɔn agyapade wɔ Yeriko akyi, Yordan apuei fam a ɛhwɛ apuei no.”
Ntuanofo A Wɔbɛkyɛ Asase No
16  Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 17 “Nnipa a wɔn din didi so yi na mayi wɔn sɛ wɔnkyekyɛ asase no mu mma mo sɛ mo agyapade: Ɔsɔfo Eleasar ne, Nun babarima Yosua. 18 Yi abusua biara mu ɔpanyin baako na ɔmmoa nkyekyɛ asase no.
 
19 “Wɔn din na edidi so yi:
 
“Yefune babarima Kaleb, Yuda abusuakuw ntuanoni;
20 Amihud babarima Semuel, Simeon abusuakuw ntuanoni;
21 Kislon babarima Elidad, Benyamin abusuakuw ntuanoni;
22 Yogli babarima Buki, Dan abusuakuw ntuanoni;
23 Efod babarima Haniel, Yosef babarima Manase abusuakuw ntuanoni;
24 Siftan babarima Kemuel, Yosef babarima Efraim abusuakuw ntuanoni;
25 Parknak babarima Elisafan, Sebulon abusuakuw ntuanoni;
26 Asan babarima Paltiel, Isakar abusuakuw ntuanoni;
27 Selomi babarima Ahihud, Aser abusuakuw ntuanoni;
28 Amihud babarima Pedahel, Naftali abusuakuw ntuanoni.”
 
29 Saa nnipa yi na Awurade yii wɔn sɛ wɔnhwɛ nkyekyɛ agyapade no mu mma Israelfo no wɔ Kanaan asase so no.