Dwom 104
Me kra, kamfo Awurade!
 
Awurade me Nyankopɔn, woyɛ ɔkɛse!
Wɔafura wo tumi ne anuonyam.
 
Ɔde hann akata ne ho sɛ atade;
ɔtrɛw ɔsoro mu te sɛ ntamadan,
na ɔde ne mpia mu mpuran sisi nsu so.
Ɔde omununkum yɛ ne teaseɛnam
na ɔde nantew mframa ntaban so.
Ɔsoma nʼabɔfo sɛ mframa,
na ɔsoma nʼasomfo sɛ ogyaframa.
 
Ɔde asase asi ne fapem so
na ɛrenhinhim da.
Wode bun kataa so sɛ atade
na nsu gyinaa mmepɔw no so.
Nanso wʼanimka maa nsu no guanee,
wʼaprannaa nnyigyei maa woguanee;
Wɔsen faa mmepɔw so,
kɔɔ aku mu tɔnn,
koguu faako a wode ama wɔn no.
Wotoo ɔhye a wɔrentumi ntra;
na wɔammɛkata asase so bio.
 
10 Ɔma nsuwa sen fa abon mu,
ɛsen fa mmepɔw ntam.
11 Wɔma wuram mmoa nyinaa nsu nom;
atorɔm de kum wɔn sukɔm.
12 Wim nnomaa nwen wɔn berebuw wɔ nsu no ho;
na wɔto nnwom wɔ nnua no mman so.
13 Ofi ne soro mpia mu tɔ nsu gugu mmepɔw so;
ne nnwuma so aba mee asase.
14 Ɔma sare fifi ma anantwi,
na ɔbɔɔ nnua maa onipa sɛ onnua
na ɛmma aduan mfi asase mu:
15 nsa a ɛma onipa koma tɔ ne yam,
ngo a ɛma onipa anim tɔ so,
ne aduan a ekura onipa koma.
16 Wogugu Awurade nnua no so yiye,
Lebanon sida a oduae no.
17 Ɛsow na nnomaa yɛ wɔn mmerebuw,
na asukɔnkɔn nso yɛ nʼatenae wɔ ɔpepaw nnua no mu.
18 Mmepɔw atenten no yɛ wuram mmirekyi de;
na abotan yɛ guankɔbea ma ewi.
 
19 Ɔsram kyerɛ bere nkyekyɛmu,
na owia nim bere a ɔkɔtɔ.
20 Wode sum ba ma ɛyɛ adesae
na kwae mu mmoa nyinaa kɔ ahayɛ.
21 Gyata bobɔ mu pɛ wɔn hanam,
wɔhwehwɛ wɔn aduan fi Onyankopɔn hɔ.
22 Owia pue ma wɔsan wɔn akyi;
wɔsan kɔdeda wɔn atu mu.
23 Afei, onipa kɔ nʼadwuma so
kɔyɛ adwuma ara kosi anwummere.
 
24  Awurade, wo nnwuma dɔɔso!
Nyansa mu na woyɛɛ ne nyinaa;
wʼabɔde ahyɛ asase so ma.
25 Po na ɛda hɔ tɛtrɛɛ tamaa yi,
a abɔde bebree a enni ano;
akɛse ne nketewa ahyɛ no ma.
26 So na ahyɛn di akɔneaba,
na ɔdɛnkyɛmmirampɔn a woyɛɛ no di agoru.
 
27 Wɔn nyinaa hwɛ wo kwan
sɛ wobɛma wɔn wɔn aduan wɔ bere a ɛsɛ mu.
28 Wode ma wɔn a, wɔtase;
wubue wo nsam a nnepa mee wɔn.
29 Wode wʼanim hintaw wɔn a,
wɔbɔ hu;
sɛ wugye wɔn home a,
wowuwu na wɔsan kɔ mfutuma mu.
30 Sɛ wode wo Honhom no ma wɔn a
na wɔabɔ wɔn,
na woyɛ asase ani foforo.
 
31 Ma Awurade anuonyam ntena hɔ daa;
ma Awurade ani nnye ne nnwuma ho,
32 nea ɔhwɛ asase na ɛwosow,
na ɔde ne nsa ka mmepɔw a wusiw fi mu ba.
 
33 Mɛto dwom ama Awurade me nkwa nna nyinaa;
sɛ mete ase yi, mɛto ayeyi dwom ama me Nyankopɔn.
34 Ɔmma me mpaebɔ nsɔ nʼani
bere a meregye mʼani wɔ Awurade mu yi.
35 Ma nnebɔneyɛfo nyera wɔ asase so;
na amumɔyɛfo ase nhyew.
 
Me kra, kamfo Awurade.
 
Kamfo Awurade.