Dwom 103
Dawid de.
Me kra, kamfo Awurade;
na me mu ade nyinaa nkamfo ne din kronkron no.
Me kra, kamfo Awurade,
na mma wo werɛ mmfi ne nneyɛe pa nyinaa,
ɔno na ɔde wo mfomso nyinaa kyɛ wo
na ɔsa wo nyarewa nyinaa,
ogye wo nkwa fi ɔda mu,
na ɔde adɔe ne mmɔborɔhunu bɔ wo abotiri,
ɔde nnepa ma wo sɛ wʼapɛde,
na wo mmerantebere yɛ foforo sɛ ɔkɔre.
 
Awurade yɛ adetrenee,
na obu wɔn a wɔhyɛ wɔn so nyinaa atɛntrenee.
 
Ɔkyerɛɛ Mose nʼakwan,
na ɔmaa Israelfo huu ne nneyɛe.
Mmɔborɔhunufo ne ɔdomfo ne Awurade,
ne bo kyɛ fuw na nʼadɔe dɔɔso.
Ɔrenkɔ so mmɔ sobo,
na ɔrennya yɛn ho menasepɔw nkosi daa;
10 Ɔnhwɛ yɛn bɔne ne yɛn nni sɛnea ɛfata
na ontua yɛn nnebɔne so ka sɛnea ɛte.
11 Na sɛnea ɔsoro ne asase ntam ware no,
saa ara na nʼadɔe so wɔ wɔn a wosuro no no so.
12 Sɛnea apuei ne atɔe ntam ware no,
saa ara na wama yɛn ne yɛn mmarato ntam kwan aware.
 
13 Sɛnea agya yam hyehyew no wɔ ne mma ho no,
saa ara na Awurade yam hyehye no ma wɔn a wosuro no no;
14 na onim sɛnea wɔyɛɛ yɛn,
ɔkae se yɛyɛ mfutuma.
15 Ɔdesani de, ne nna te sɛ sare,
ɔyɛ frɔmfrɔm sɛ nwura mu nhwiren;
16 sɛ mframa bɔ fa ne so a, na onni hɔ,
na ne sibea nkae no bio.
17 Nanso efi mmeresanten kosi nnasanten
Awurade adɔe wɔ wɔn a wosuro no so,
na ne trenee wɔ wɔn mma mma so,
18 wɔn a wodi nʼapam no so
na wɔkae di ne mmara so.
 
19  Awurade asi nʼahengua wɔ ɔsoro,
na nʼahenni di ade nyinaa so.
 
20 Monkamfo Awurade, mo a moyɛ nʼabɔfo,
mo atumfo a moyɛ nʼahyɛde,
mo a mutie nʼasɛm.
21 Monkamfo Awurade, ɔsoro asafo nyinaa,
nʼasomfo a moyɛ nʼapɛde.
22 Monkamfo Awurade, ne nnwuma nyinaa;
nea ɛwɔ nʼahenni mu nyinaa.
 
Me kra, kamfo Awurade!