Dwom 106
Monkamfo Awurade!
 
Monna Awurade ase na oye;
na nʼadɔe wɔ hɔ daa.
 
Hena na obetumi aka nneɛma akɛse a Awurade ayɛ?
Anaasɛ obetumi aka ne nkamfo awie?
Nhyira nka wɔn a wɔkɔ so bu atɛntrenee,
na daa wɔyɛ nea eye.
 
Awurade, sɛ wuhu wo nkurɔfo mmɔbɔ a kae me,
sɛ wugye wɔn nkwa a, boa me,
na manya wɔn a wapaw wɔn no yiyedi mu kyɛfa,
na manya wo manfo anigye no mu kyɛfa,
na me ne wʼagyapade no abɔ mu de nkamfo ama wo.
 
Yɛayɛ bɔne sɛnea yɛn nenanom yɛe no;
yɛayɛ mfomso na yɛadi atirimɔdensɛm.
Bere a yɛn nenanom wɔ Misraim no,
wɔannwene wo nsɛnkyerɛnne ho;
wɔankae wʼadɔe bebrebe no,
na wɔtew atua wɔ Po Kɔkɔɔ no ho.
Nanso ne din nti ogyee wɔn nkwa,
sɛnea ɔbɛda ne tumi kɛse no adi.
Ɔteɛɛ Po Kɔkɔɔ no ma ɛyowee;
ɔde wɔn faa bun mu te sɛ sare so.
10 Ogyee wɔn fii ɔtamfo no nsam;
nea ɔtan wɔn no nsam na oyii wɔn fii.
11 Nsu kataa wɔn atamfo so;
na ɔbaako mpo annya nkwa.
12 Afei wogyee ne bɔhyɛ no dii
na wɔtoo nʼayeyi nnwom.
 
13 Nanso ntɛm so, wɔn werɛ fii nea wayɛ
na wɔantwɛn nʼagyinatu.
14 Akɔnnɔ bɛhyɛɛ wɔn mu wɔ sare so hɔ,
asase paradada no so na wɔsɔɔ Onyankopɔn hwɛe,
15 enti ɔmaa wɔn nea wobisae,
nanso ɔde ɔfɔn yare baa wɔn so.
 
16 Na nsraban mu hɔ wɔn ani beree Mose
ne Aaron a Awurade atew ne ho no.
17 Asase mu bue ma ɛmenee Datan
na esiee Abiram asafo no.
18 Ogya tɔɔ wɔn akyidifo no mu;
ogyatannaa hyew amumɔyɛfo no.
19 Wɔyɛɛ nantwi ba wɔ Horeb
na wɔkotow ohoni a wɔde fagude ayɛ.
20 Wɔsesaa wɔn Anuonyam
wɔde nantwinini, a ɔwe sare nsɛsode.
21 Wɔn werɛ fii Onyankopɔn a ogyee wɔn nkwa,
nea ɔyɛɛ nneɛma akɛse wɔ Misraim no,
22 nsɛnkyerɛnne a ɔyɛɛ wɔ Ham asase so
ne nneɛma a ɛyɛ hu wɔ Po Kɔkɔɔ ho no.
23 Enti ɔkae se ɔbɛsɛe wɔn,
nanso Mose a ɔyɛ nea wapaw no no,
sɔre gyinaa Onyankopɔn ne nnipa no ntam;
ɔsrɛ de dwudwoo nʼabufuwhyew no ano sɛnea ɔrensɛe wɔn.
 
24 Afei wɔn ani ansɔ asase fɛfɛ no;
na wɔannye ne bɔhyɛ no anni.
25 Wonwiinwii wɔ wɔn ntamadan mu
na wɔanyɛ osetie amma Awurade.
26 Enti ɔmaa ne nsa so kaa ntam kyerɛɛ wɔn se
ɔbɛma wɔatotɔ wɔ sare no so,
27 ɔbɛma wɔn asefo atotɔ wɔ amanaman mu
na wabɔ wɔn ahwete nsase nyinaa so.
 
28 Wɔde wɔn ho bɔɔ Baal-Peor ho
na wodii afɔrebɔde a wɔde ama anyame a wonni nkwa;
29 wɔde wɔn atirimɔdensɛm hyɛɛ Awurade abufuw
na ɔyaredɔm sii wɔn mu.
30 Na Pinehas sɔre dii akagyinamu,
na wosiw ɔyaredɔm no ano.
31 Wɔde eyi yɛɛ trenee maa no
wɔ awo ntoatoaso a enni awiei a ɛbɛba no mu.
 
32 Meriba nsu ho nso, wɔhyɛɛ Awurade abufuw,
na wɔn nti, ɔhaw baa Mose so,
33 efisɛ wɔtew Onyankopɔn Honhom anim atua,
na asɛm a wannwene ho fii Mose anom.
34 Wɔansɛe nnipa no
sɛnea Awurade hyɛɛ wɔn no,
35 nanso wɔde wɔn ho frafraa amanaman no
yɛɛ nneɛma a wɔyɛ no bi.
36 Wɔsom wɔn ahoni,
na ɛbɛyɛɛ afide maa wɔn.
37 Wɔde wɔn mmabarima
ne wɔn mmabea bɔɔ afɔre maa abosom.
38 Wɔkaa mogya a edi bem gui,
wɔn mmabarima ne wɔn mmabea mogya a
wɔde bɔɔ afɔre maa Kanaan ahoni no
maa asase no ho guu fi.
39 Wɔde nea wɔyɛɛ no guu wɔn ankasa ho fi;
wɔnam nea wɔyɛɛ no so bɔɔ aguaman.
 
40 Enti Awurade bo fuw ne nkurɔfo;
na okyii nʼagyapade.
41 Ɔdan wɔn maa amanaman no,
na wɔn atamfo dii wɔn so.
42 Wɔn atamfo hyɛɛ wɔn so
na wɔkaa wɔn hyɛɛ wɔn tumi ase.
43 Mpɛn bebree, Awurade gyee wɔn,
nanso wɔkɔɔ so tew atua
na wɔsɛe wɔ wɔn bɔne mu.
44 Nanso ohuu wɔn ahohiahia
bere a wosu frɛɛ no no.
45 Wɔn nti ɔkaee nʼapam no,
na ofii nʼadɔe kɛse no mu huu wɔn mmɔbɔ.
46 Ɔmaa asodifo a wɔafa wɔn nnommum no
nyaa ahummɔbɔ maa wɔn.
 
47 Gye yɛn, Awurade yɛn nkwagye Nyankopɔn,
na boaboa yɛn ano fi amanaman so,
na yɛada wo din kronkron no ase,
na yɛde nkamfo ahyɛ wo anuonyam.
 
 
48 Ayeyi nka Awurade, Israel Nyankopɔn,
emfi mmeresanten nkosi nnasanten.
 
Momma nnipa no nyinaa nka se, “Amen!”
 
Monkamfo Awurade.