NHOMA A ƐTO SO ANUM
107
Nnwom 107–150
Monna Awurade ase na oye;
na nʼadɔe wɔ hɔ daa.
 
Momma wɔn a Awurade agye wɔn nka saa,
wɔn a wagye wɔn afi ɔtamfo nsam no;
wɔn a ɔboaboaa wɔn ano fii nsase so no,
efi apuei kosi atɔe, atifi kosi anafo.
 
Ebinom kyinkyinii wɔ nsase pradada so,
a wɔanhu ɔkwan ankɔ kuropɔn no mu, faako a wobetumi anya atenae.
Ɔkɔm ne osukɔm dee wɔn
na wɔtotɔɔ beraw.
Afei wosu frɛɛ Awurade wɔ wɔn amanehunu mu,
na ogyee wɔn fii wɔn ahohiahia mu.
Ɔde wɔn faa ɔkwan tee so
baa kuropɔn a wotumi tena mu no mu.
Momma wɔnna Awurade ase, nʼadɔe a ɛnsa da
ne nʼanwonwade a ɔyɛ ma nnipa no ho,
ɔma wɔn a osukɔm de wɔn nsu
na ɔde nnepa hyɛ wɔn a ɔkɔm de wɔn ma.
 
10 Ebinom tenaa sum ne awerɛhow mu,
nneduafo a wɔde dade nkɔnsɔnkɔnsɔn agu wɔn,
11 efisɛ wɔatew Onyankopɔn nsɛm ho atua
na wɔabu Ɔsorosoroni no agyinatu animtiaa.
12 Enti ogyaa wɔn maa adwumaden;
wohintihintiwii, na wɔannya ɔboafo.
13 Afei wosu frɛɛ Awurade wɔ wɔn amanehunu mu,
na ogyee wɔn fii wɔn ahohia mu.
14 Oyii wɔn fii sum ne awerɛhow mu,
na obubuu wɔn nkɔnsɔnkɔnsɔn mu.
15 Momma wɔnna Awurade ase, nʼadɔe a ɛnsa da
ne nʼanwonwade a ɔyɛ ma nnipa no ho,
16 efisɛ obubu kɔbere mfrafra apon
na otwitwa nnadeban mu.
 
17 Ebinom bɛyɛɛ nkwaseafo, wɔn atuatew nti,
na wohuu amane, wɔn nnebɔne nti.
18 Wokyii aduan nyinaa
na wotwiw bɛnee owu pon ano.
19 Afei wosu frɛɛ Awurade, wɔn amanehunu mu
na ogyee wɔn fii wɔn ahohia mu.
20 Ɔsomaa nʼasɛm na ɔsaa wɔn yare;
na ogyee wɔn fii ɔda mu.
21 Momma wɔnna Awurade ase, nʼadɔe a ɛnsa da
ne nʼanwonwade a ɔyɛ ma nnipa no ho.
22 Momma wɔmmɔ aseda afɔre
na wɔmfa ahurusi nnwom nka ne nnwuma ho asɛm.
 
23 Ebinom tenaa ahyɛn mu wɔ po so;
wɔyɛ aguadifo wɔ nsu akɛse so.
24 Wohuu Awurade nnwuma,
nʼanwonwade a ɛwɔ bun mu.
25 Ɔkasa maa ahum tui
na ekukuru asorɔkye.
26 Wokukuru kɔɔ ɔsorosoro na wosian kɔɔ bun mu tɔnn;
wɔn amanehunu mu no wɔn koma tui.
27 Wokyim totɔɔ ntintan sɛ asabowfo;
na wonhu nea wɔnnyɛ bio.
28 Afei wosu frɛɛ Awurade, wɔn amanehunu mu,
na ogyee wɔn fii wɔn ahohia mu.
29 Ɔmaa ahum no yɛɛ dinn;
po so asorɔkye ano brɛɛ ase.
30 Wɔn ani gyei, bere a ɛyɛɛ dinn no,
na ɔkyerɛɛ wɔn ɔkwan de wɔn koduu gyinabea a wɔpɛ.
31 Momma wɔnna Awurade ase, nʼadɔe a ɛnsa da
ne nʼanwonwade a ɔyɛ ma nnipa no ho.
32 Wɔmma no so wɔ asafo no mu
na wɔnkamfo no wɔ mpanyimfo nhyiamu ase.
 
33 Ɔdan nsubɔnten maa no yɛɛ sare,
asuten yɛɛ asase wosee,
34 na asasebere dan nkyenenkyene,
wɔn a wɔte asase no so amumɔyɛ nti.
35 Ɔdan sare so maa no yɛɛ nsuwansuwa
na nkyɛkyerɛ yɛɛ sɛ nsuten anan mu;
36 Ɛhɔ na ɔde wɔn a ɔkɔm de wɔn kɔsoɛe,
na wɔkyekyeree kuropɔn tenaa mu.
37 Wɔyɛɛ mfuw ne bobe nturo
na ɛmaa wɔn nnɔbae bebree.
38 Ohyiraa wɔn na wɔn ase dɔe.
Wamma wɔn nyɛmmoa dodow so anhuan.
 
39 Afei wɔn dodow so huanee
na nhyɛso, amanehunu ne awerɛhow brɛɛ wɔn ase;
40 nea obu abirɛmpɔn animtiaa no
ma wokyinkyin asase kesee a ɔkwan nni hɔ so.
41 Nanso ɔmaa ahiafo so fii wɔn ahohia mu
na ɔmaa wɔn mmusua dɔɔ sɛ nguankuw.
42 Atreneefo hu ma wɔn ani gye,
nanso amumɔyɛfo nyinaa mua wɔn ano.
 
43 Momma nea ɔyɛ onyansafo no mmu eyinom,
na onsusuw Awurade adɔe kɛse no ho.