Dwom 109
Dawid dwom.
Me Nyankopɔn a mekamfo wo,
nyɛ komm,
na amumɔyɛfo ne nkontompofo
atu wɔn ano agu me so;
wɔde atoro tɛkrɛma akasa atia me.
Wɔde nitansɛm atwa me ho ahyia
na wɔtow hyɛ me so a menkaa wɔn.
Wɔka nsɛm to me so de tua mʼadɔeyɛ so ka,
nanso meyɛ obi a mepɛ mpaebɔ.
Wɔde bɔne tua me papayɛ so ka,
na wɔde ɔtan tua mʼadɔeyɛ so ka.
 
Ma onipa bɔne bi nsɔre ntia no;
na Satan nnyina ne nsa nifa so.
Wodi nʼasɛm a, ma onni fɔ,
na ne mpaebɔ mmu no kumfɔ.
Ma ne nkwa nna nyɛ kakraa bi;
na ɔfoforo nsi nʼanan mu sɛ ɔkannifo.
Ma ne mma nyɛ ayisaa
na ne yere nyɛ okunafo.
10 Ma ne mma nkyinkyin nsrɛsrɛ ade;
ma wɔmpam wɔn mfi wɔn afi a abubu no mu.
11 Ma ɔdefirifo bi mfa nea ɔwɔ nyinaa;
na ananafo mfom nʼadwuma so aba.
12 Mma obiara nhu no,
anaa ne ayisaa mmɔbɔ.
13 Ma nʼase nhyew,
na wɔn din nyera wɔ awo ntoatoaso a ɛreba no mu.
14 Ma wɔnkae nʼagyanom nnebɔne wɔ Awurade anim;
na ne na bɔne no ntena hɔ daa.
15 Wɔn bɔne nyinaa nka Awurade anim,
na wɔankae wɔn bio wɔ asase so.
 
16 Efisɛ wannwene da sɛ ɔbɛyɛ adɔe,
na mmom ɔtaa ahiafo
mmɔborɔfo ne wɔn a wɔn werɛ ahow de kɔɔ owu mu.
17 Nʼani gyee sɛ ɔbɛdome
enti nnome mmra no so;
wampɛ sɛ obehyira
enti nhyira mmɔ no.
18 Ɔhyɛɛ nnome sɛ atade;
ɛno kɔɔ ne nipadua mu sɛ nsu,
ne ne nnompe mu sɛ ngo.
19 Ma ɛnyɛ sɛ atade a ɛkyekyere ne ho,
ne abɔso a ɛbɔ no daa.
20 Ma eyi nyɛ Awurade akatua a ɔde ma me sobobɔfo,
wɔn a wɔka nsɛmmɔne fa me ho no.
 
21 Nanso wo Asafo Awurade,
wo din nti wo ne me nni no yiye;
fi wʼadɔe mu gye me.
22 Efisɛ meyɛ ohiani ne nea onni bi,
na me koma atɔ beraw wɔ me mu.
23 Mitwaa mu sɛ anwummere sunsuma;
wopia me kyene sɛ mmoadabi.
24 Mmuadadi ama me nkotodwe mu agugow;
mafɔn, na ama aka me nnompe.
25 Mayɛ aserewde ama wɔn a wɔbɔ me sobo;
sɛ wohu me a, wɔwosow wɔn ti.
 
26 Boa me, Awurade me Nyankopɔn;
gye me sɛnea wʼadɔe te.
27 Ma wonhu sɛ ɛyɛ wo nsa,
na wo na woayɛ, Awurade.
28 Wɔbɛdome, nanso wubehyira;
sɛ wɔtow hyɛ me so a wɔn anim begu ase,
nanso wo somfo ani begye.
29 Mʼatamfo befura animguase;
na akyekyere wɔn ho sɛ atade.
 
30 Mede mʼano bɛma Awurade so ayɛ no kɛse;
mɛkamfo no wɔ dɔm mu.
31 Efisɛ ogyina ohiani nsa nifa so
sɛ obegye no nkwa afi wɔn a wobu no kumfɔ nsam.