Dwom 108
Dawid dwom.
Onyankopɔn, me koma asi pi;
mede me kra nyinaa bɛto wʼayeyi nnwom.
Munnyan, sanku ne bɛnta!
Menyan anɔpahema.
Awurade, mɛkamfo wo wɔ aman mu;
mɛto wo ho nnwom wɔ nnipa no mu.
Wʼadɔe so, ɛkorɔn sen ɔsoro;
wo nokwaredi du wim.
Onyankopɔn, ɛsɛ sɛ wɔma wo so tra ɔsoro,
na ama wʼanuonyam aba asase nyinaa so.
 
Fa wo nsa nifa gye yɛn na boa yɛn,
na ama wɔn a wodɔ wɔn no anya nkwa.
Onyankopɔn akasa afi ne kronkronbea se,
“Nkonim mu na mɛkyɛ Sekem mu
na masusuw Sukot Bon.
Gilead yɛ me de; Manase nso saa ara;
Efraim yɛ me dade kyɛw,
Yuda yɛ mʼahempema.
Moab yɛ me guasɛn,
Edom so na metow me mpaboa gu;
na meteɛ mu nkonimdi so gu Filistifo so.”
 
10 Hena na ɔde me bɛkɔ kuropɔn a wɔabɔ ho ban no mu?
Hena na obedi mʼanim akɔ Edom?
11 Onyankopɔn, ɛnyɛ wo na woapo yɛn
na wo ne yɛn asraafo nkɔ ɔsa bio ana?
12 Boa yɛn tia ɔtamfo no,
na ɔdesani mmoa nka hwee.
13 Onyankopɔn wɔ yɛn afa yi, yebedi nkonim,
na obetiatia yɛn atamfo so.
Wɔde ma dwonkyerɛfo no.