Dwom 11
Dawid dwom.
Awurade mu na mede me werɛ ahyɛ.
Adɛn na wutumi ka kyerɛ me se,
“Tu te sɛ anomaa kɔ wo bepɔw so.
Na hwɛ, amumɔyɛfo akuntun wɔn ta mu,
na wɔde wɔn mmɛmma asisi ahama so
sɛ wɔbɛtow wɔ sum mu
de awɔ koma mu ahotefo.
Sɛ wɔresɛe fapem no a,
dɛn na ɔtreneeni betumi ayɛ?”
 
Awurade wɔ nʼasɔredan kronkron no mu;
Awurade te ne soro ahengua so.
Ɔhwɛ nnipa mma,
nʼani hwehwɛ wɔn mu.
Awurade hwehwɛ ɔtreneeni mu,
na amumɔyɛfo ne wɔn a wɔpɛ basabasayɛ de,
ne kra kyi wɔn.
Ɔbɛtɔ ogyatannaa ne sufre a ɛredɛw
agu amumɔyɛfo so;
na mframa a mu yɛ hyew bɛyɛ wɔn kyɛfa.
 
Awurade yɛ ɔtreneeni,
na ɔpɛ atɛntrenee;
wɔn a wɔteɛ no behu nʼanim.
Wɔde ma dwonkyerɛfo se wɔnto no wɔ “Seminit” sanku nne so.