Dwom 10
Adɛn, Awurade, na wugyina akyirikyiri saa?
Adɛn na wode wo ho ahintaw wɔ amanehunu mmere mu yi?
 
Omumɔyɛfo de ahantan taataa mmɔborɔfo,
wɔn a ne nneyɛe mfiri yiyi wɔn no.
Ɔde nea ne koma hwehwɛ hoahoa ne ho;
ohyira odifudepɛfo na oyi Awurade ahi.
Ahantan nti omumɔyɛfo nhwehwɛ Awurade;
ne nsusuwii mu no Onyankopɔn nsi hwee.
Nʼakwan nyinaa mu odi yiye;
ɔma ne ho so, na wo mmara mfa no ho;
na odi nʼatamfo nyinaa ho fɛw.
Ɔka kyerɛ ne ho se: “Hwee remma minhinhim;
mʼani begye daa, na merenkɔ amanehunu mu da.”
Nnome, atoro ne ahunahuna ahyɛ nʼanom ma;
Ɔhaw ne mmusu hyɛ ne tɛkrɛma ase.
Ɔtɛw bɛn nkuraa no;
ofi ahintawee kum nea onnim hwee,
ohintaw hwɛ wɔn a ɔrehwehwɛ wɔn ayɛ wɔn bɔne no.
Ɔte sɛ gyata a wahintaw;
ɔtɛw sɛ ɔbɛkyere mmɔborɔni;
ɔkyere wɔn twe wɔn ase de wɔn kɔ ne bon mu.
10 Ɔdwerɛw wɔn a ɔkyere wɔn no ma wɔtɔ beraw;
na ɔde nʼahoɔden ka wɔn hyɛ.
11 Ɔka kyerɛ ne ho se, “Onyankopɔn werɛ afi;
wayi nʼani afi so na onhu.”
 
12 Sɔre, Awurade! Ma wo nsa so, Onyankopɔn.
Mma wo werɛ mfi wɔn a wonni aboafo.
13 Adɛn nti na omumɔyɛfo yi Onyankopɔn ahi?
Adɛn nti na ɔka kyerɛ ne ho se,
“Ɔremfrɛ me akontaabu so?”
14 Nanso wo, Onyankopɔn, wuhu amanehunufo haw;
na wayɛ wʼadwene sɛ wobɛhwɛ.
Mmɔborɔni de ne ho ma wo;
wo na woyɛ ayisaa boafo.
15 Bubu omumɔyɛfo ne ɔbɔnefo aprɛw;
frɛ no na ommebu nʼamumɔyɛ ho nkontaa,
nʼamumɔyɛ a anka wɔrenhu no.
 
16  Awurade yɛ ɔhene daa nyinaa;
amanaman no bɛyera nʼasase so.
17  Awurade, wutie mmɔborɔfo adesrɛ;
wohyɛ wɔn nkuran, na wutie wɔn sufrɛ,
18 na wudi ma ayisaa ne nea wɔhyɛ no so,
sɛnea ɛbɛyɛ a ɔdesani a ofi asase mu
renhunahuna bio.
Wɔde ma dwonkyerɛfo.