Dwom 114
Bere a Israelfo fii Misraim,
na Yakobfifo fii ananafo asase so no,
Yuda bɛyɛɛ Awurade kronkronbea
na Israel bɛyɛɛ nʼaheman.
 
Po no hwɛe, na eguanee,
Yordan san nʼakyi;
Mmepɔw huruhuruwii sɛ adwennini,
nkoko nso huruhuruwii sɛ nguantenmma.
 
Dɛn na ɛbae, ɛpo, na wuguanee?
Yordan, adɛn, na wosan wʼakyi?
Mmepɔw, adɛn, na muhuruhuruw sɛ adwennini,
na mo nkoko, muhuruhuruw sɛ nguantenmma yi?
 
Asase, ma wo ho mpopo wɔ Awurade anim,
wɔ Yakob Nyankopɔn anim,
ɔno na ɔmaa ɔbotan no dan asubura,
na ɔbotan dennen dan nsuwa aniwa no.