Dwom 115
Ɛnyɛ yɛn, Awurade, ɛnyɛ yɛn,
na wo din na anuonyam nka,
wʼadɔe ne wo nokwaredi nti.
 
Adɛn nti na aman no bisa se,
“Wɔn Nyankopɔn wɔ he?”
Yɛn Nyankopɔn wɔ ɔsoro;
nea ɔpɛ biara na ɔyɛ.
Nanso wɔn ahoni yɛ dwetɛ ne sikakɔkɔɔ a
wɔde onipa nsa na ayɛ.
Wɔwɔ ano, nanso wontumi nkasa;
wɔwɔ ani, nanso wonhu ade.
Wɔwɔ aso, nanso wɔnte asɛm;
wɔwɔ hwene, nanso wɔnte hua.
Wɔwɔ nsa, nanso wɔnte nka;
wɔwɔ anan, nanso wɔnnantew.
Wontumi mma nnyigyei bi mfi wɔn mene mu.
Wɔn a wɔyɛɛ ahoni no bɛyɛ sɛ wɔn ara,
saa ara na wɔn a wɔde wɔn ho to wɔn so no bɛyɛ.
 
Mo Israelfo nyinaa, momfa mo ho nto Awurade so,
ɔyɛ mo boafo ne kyɛm.
10 Ao Aaronfi, momfa mo ho nto Awurade so,
ɔyɛ mo boafo ne kyɛm.
11 Mo a musuro no, momfa mo ho nto Awurade so,
ɔyɛ mo boafo ne kyɛm.
 
12  Awurade kae yɛn na obehyira yɛn:
Obehyira Israelfi,
obehyira Aaronfi
13 Obehyira wɔn a wosuro Awurade,
nketewa ne akɛse nyinaa.
 
14  Awurade mma wʼase nnɔ,
wo ne wo mma.
15  Awurade nhyira wo,
ɔsoro ne asase Yɛfo no.
 
16 Ɔsorosoro tɔnn yɛ Awurade de,
nanso asase de, ɔde ama onipa.
17 Ɛnyɛ awufo na wɔkamfo Awurade
wɔn a wɔkɔ fam dinn no.
18 Yɛn na yɛma Awurade so
nnɛ ne daa nyinaa.
 
Monkamfo Awurade.