Dwom 116
Medɔ Awurade efisɛ, ɔtee me nne.
Ɔtee me mmɔborɔsu.
Esiane sɛ ɔbrɛɛ nʼaso ase maa me nti,
mɛfrɛ no wɔ bere a mete ase yi.
 
Owu ahama bebaree me,
ɔda ho yawdi baa me so,
ɔhaw ne awerɛhow hyɛɛ me so.
Afei mebɔɔ Awurade din kae se,
Awurade, gye me nkwa!”
 
Awurade yɛ ɔdomfo ne ɔtreneeni;
ayamhyehye ahyɛ yɛn Nyankopɔn ma.
Awurade bɔ ɔwɛmfo ho ban;
bere a mewɔ ahohia mu no, ogyee me.
 
Nya abotɔyam bio, me kra,
efisɛ Awurade ne wo adi no yiye.
 
Na wo, Awurade, woagye me kra afi owu mu;
woamma mʼani amporow nisu,
na woamma mʼanan anhintiw
sɛ mɛnantew Awurade anim
wɔ ateasefo asase so.
 
10 Migye dii; ɛno nti mekae se,
“Mewɔ ahohia kɛse mu.”
11 Na mʼahokyere mu mekae se,
“Nnipa nyinaa yɛ atorofo.”
 
12 Dɛn na metumi de atua Awurade ka
wɔ ne papa a wayɛ me nyinaa?
 
13 Mɛma nkwagye kuruwa no so
na mabɔ Awurade din.
14 Medi bɔ a mahyɛ Awurade no nyinaa so
wɔ ne nkurɔfo nyinaa anim.
 
15 Awurade nkoa nokwafo wu
som bo wɔ Awurade ani so.
16  Awurade, ampa ara meyɛ wo somfo;
meyɛ wo somfo, wʼafenaa babarima;
woayi me afi me mpokyerɛ mu.
 
17 Mɛbɔ aseda afɔre ama wo
na mabɔ Awurade din.
18 Medi me ntam a maka Awurade no so
wɔ ne nkurɔfo nyinaa anim,
19 wɔ adiwo a ɛwɔ Awurade fi no,
wɔ wʼanim, Yerusalem.
 
Monkamfo Awurade.