Dwom 122
Ɔsoroforo dwom. Dawid de.
Me ne wɔn a wosee me sɛ,
“Ma yɛnkɔ Awurade fi” no ani gyei.
Yegyinagyina wʼaponkɛse ano,
Yerusalem.
 
Wɔakyekyere Yerusalem yiye sɛ kuropɔn
wahyehyɛ mu nneɛma fɛfɛ.
Ɛhɔ na mmusuakuw no kɔ,
Awurade mmusuakuw no,
Wɔkɔkamfo Awurade din,
sɛnea nhyehyɛe a wɔde ama Israel no te.
Ɛhɔ na atemmu nhengua no sisi,
Dawid fi nhengua no.
 
Monsrɛ asomdwoe mma Yerusalem se,
“Ma wɔn a wɔdɔ wo no nnya bammɔ.
Ma asomdwoe mmra wʼafasu mu
na bammɔ mmra wʼaban mu.”
Me nuanom ne me nnamfonom nti,
mɛka se, “Asomdwoe ntena wo mu.”
Awurade yɛn Nyankopɔn fi nti,
mɛhwehwɛ wo yiyeyɛ.