Dwom 123
Ɔsoroforo dwom.
Mema mʼani so kyerɛ wo,
wo a wʼahengua si ɔsoro.
Sɛnea nkoa ani hwɛ wɔn wura nsa no,
sɛnea afenaa ani hwɛ nʼawuraa nsa no no,
saa ara na yɛn ani hwɛ Awurade, yɛn Nyankopɔn
kosi sɛ obehu yɛn mmɔbɔ.
 
Hu yɛn mmɔbɔ, Awurade, hu yɛn mmɔbɔ,
na wɔabu yɛn animtiaa bebree.
Ahomasofo fɛwdi ama yɛabrɛ dodo,
ahantanfo animtiaabu afono yɛn.