Dwom 125
Ɔsoroforo dwom.
Wɔn a wɔde wɔn ho to Awurade so no te sɛ Bepɔw Sion,
a ɛnwosow na etim hɔ daa no.
Sɛnea mmepɔw atwa Yerusalem ho ahyia no,
saa ara na Awurade atwa ne nkurɔfo ho ahyia
mprempren ne daa.
 
Amumɔyɛfo ahempema renka asase a
wɔde ama atreneefo no so,
sɛ ɛba saa a, atreneefo
nam wɔn so bɛyɛ bɔne.
 
Awurade wɔn a wɔyɛ papa no, yɛ wɔn papa,
wɔn a wɔteɛ wɔ koma mu no, yɛ wɔn papa.
Na wɔn a wɔman fa akwan kɔntɔnkye so no de,
Awurade betwa wɔn ne nnebɔneyɛfo asu.
 
Asomdwoe nka Israel.