Dwom 124
Ɔsoroforo dwom. Dawid de.
Sɛ anka Awurade nni yɛn afa a,
ma Israel nka,
Sɛ anka Awurade nni yɛn afa
bere a nnipa tow hyɛɛ yɛn so,
bere a wɔn abufuw sɔre tiaa yɛn a
anka wɔmemenee yɛn anikann;
anka nsuyiri no bebu afa yɛn so,
anka ɔhweam no bɛtwe yɛn akɔ,
anka nsu a ano yɛ den no
bɛpra yɛn kɔ.
 
Ayeyi nka Awurade a
wamma ho kwan amma wɔamfa wɔn se antetew yɛn mu.
Yɛaguan sɛ anomaa
afi ofirisumfo afiri mu;
wɔabubu afiri no,
ama yɛaguan.
Yɛn mmoa wɔ Awurade din mu,
ɔsoro ne asase Yɛfo no.