Dwom 127
Ɔsoroforo dwom. Salomo de.
Awurade ansi ɔdan no a,
adansifo no yɛ ho adwuma kwa.
Awurade ammɔ kuropɔn no ho ban a,
awɛmfo no wɛn kwa.
Sɛ wosɔre anɔpahema
na wotena kosi anadwo,
na woyɛ adwumaden pɛ wʼano aduan a,
ɛyɛ ɔkwa, efisɛ wɔn a ɔdɔ wɔn no, ɔma wɔn wɔ wɔn nnae mu.
 
Mma yɛ agyapade a efi Awurade hɔ,
na mma yɛ akatua a efi no.
Mma a wɔwo wɔn mmabun bere mu no
te sɛ agyan a ɛhyɛ ɔsraani nsam.
Nhyira ne onipa a
nʼagyan kotoku ayɛ ma.
Nʼanim rengu ase
bere a wahyia nʼatamfo wɔ kurow pon ano no.