Dwom 128
Ɔsoroforo dwom.
Nhyira ne wɔn a wosuro Awurade,
na wɔnantew nʼakwan so.
Wubedi wʼadwuma so aba;
nhyira ne yiyedi bɛyɛ wo de.
Wo yere bɛyɛ sɛ bobe a ɛsow aba
wɔ wo fi;
na wo mmabarima ayɛ sɛ ngodua a afifi
atwa wo pon ho ahyia.
Yiw, sɛɛ ne nea wobehyira
onipa a osuro Awurade no.
 
Awurade nhyira wo mfi Sion
na ɔmma wunhu Yerusalem yiyeyɛ;
wo nkwanna nyinaa.
Ɔmma wo ntena ase nhu wo mma mma.
Asomdwoe nka Israel.