Dwom 130
Ɔsoroforo dwom.
Awurade, mifi bun mu su frɛ wo;
Awurade, tie me nne.
Wɛn wʼaso
ma me nkotosrɛ.
 
Awurade, sɛ wubu yɛn bɔne ho nkontaa a,
anka hena na obetumi agyina ano?
Nanso wowɔ bɔnefakyɛ;
ɛno nti wosuro wo.
 
Metwɛn Awurade, me mu ade nyinaa twɛn,
na nʼasɛm mu na mede mʼanidaso ahyɛ.
Metwɛn Awurade
sen sɛnea awɛmfo twɛn adekyee,
sen sɛnea awɛmfo twɛn adekyee.
 
Israel, ma wʼani nna Awurade so,
efisɛ Awurade wɔ adɔe a enni huammɔ
na ogye ankasa wɔ ne mu.
Ɔno ankasa begye Israel
afi wɔn bɔne nyinaa mu.