Dwom 129
Ɔsoroforo dwom.
“Wɔahyɛ me so pii afi me mmofraase,
ma Israel nka ɛ.
 
“Wɔahyɛ me so pii afi me mmofraase,
nanso wontumi nnii me so nkonim ɛ.
Fɛntɛmfo afɛntɛm mʼakyi
ayɛ wɔn nkɔmoa atenten.
Nanso Awurade yɛ ɔtreneeni;
watwitwa amumɔyɛfo hama afi me ho ama made me ho.”
 
Ma wɔn a wɔtan Sion nyinaa
mfa animguase nsan wɔn akyi.
Ma wɔnnyɛ sɛ sare a ɛwɔ ɔdan atifi,
a ennyin na ɛhyew;
na nnɔbaetwafo ntumi nnya biribi mfi mu nhyɛ ne nsa ma,
na nea ɔboaboa ano nso nnya hwee nhyɛ nʼabasa ma.
Mma wɔn a wotwa mu wɔ hɔ no nka se,
Awurade nhyira mmra mo so;
yehyira mo wɔ Awurade din mu.”