Dwom 132
Ɔsoroforo dwom.
Awurade kae Dawid
ne ɔhaw ahorow a ogyinaa ano no.
 
Ɔkaa Awurade ntam,
na ɔhyɛɛ nea ɔyɛ Otumfo ma Yakob no bɔ se,
“Merenhyɛn me fi
na merenkɔda me mpa so,
meremma nna mmfa me
na meremma mʼani nkum,
kosi sɛ menya baabi ama Awurade,
baabi a nea ɔyɛ Otumfo ma Yakob No bɛtena.”
 
Yɛtee wɔ Efrata,
yɛbɛtoo so wɔ Yaar mfuw so.
“Momma yɛnkɔ nʼatenae;
momma yɛnsom wɔ ne nan ntiaso hɔ.
Awurade, sɔre bra wʼahomegyebea,
wo ne wo tumi adaka no.
Ma trenee nyɛ sɛ ntade mma wʼasɔfo;
ma wʼahotefo nto ahurusi nnwom.’ ”
 
10 Wo somfo Dawid nti,
nyi wʼani mfi nea woasra no ngo no so.
 
11  Awurade kaa ntam kyerɛɛ Dawid,
nokware ntam a ɔntwe nsan se,
“Wʼasefo no mu baako
na mede no bɛtena wʼahengua so.
12 Sɛ wo mmabarima di mʼapam so
na wotie me nkyerɛkyerɛ a,
ɛno de wɔn mmabarima bɛtena
wʼahengua so afebɔɔ.”
 
13  Awurade ayi Sion,
ɔde hɔ ayɛ nʼatenae:
14 “Ɛha ne mʼahomegyebea daa nyinaa;
ɛha na mɛtena adi hene, efisɛ ha na mepɛ,
15 mede nneɛma pa bebree behyira no
na mama nʼahiafo adidi amee.
16 Mede nkwagye befura nʼasɔfo,
na nʼahotewfo ato ahurusi nnwom daa.
 
17 “Mɛma obirɛmpɔn bi apue wɔ Dawid ahenni mu,
na mede kanea asi hɔ ama nea masra no ngo no.
18 Mede aniwu befura nʼatamfo,
nanso wɔbɛhyɛ no ahenkyɛw a ɛhyerɛn.”