Dwom 133
Ɔsoroforo dwom. Dawid de.
Hwɛ oye a eye ne fɛ a ɛyɛ
sɛ anuanom bɔ mu tena faako!
 
Ɛte sɛ ngo a ɛsom bo a wɔahwie agu apampam,
na esian kogu bɔgyesɛ mu,
esian kogu Aaron bɔgyesɛ mu,
ma bi kogu nʼatade kɔn mu.
Ɛte sɛ Hermon bosu a
ɛtɔ gu Bepɔw Sion so.
Ɛhɔ na Awurade ahyɛ ne nhyira,
nkwa a to ntwa da no.