Dwom 135
Monkamfo Awurade.
 
Monkamfo Awurade din;
monkamfo no, mo Awurade asomfo,
mo a mosom wɔ Awurade fi,
wɔ adiwo a ɛwɔ yɛn Nyankopɔn fi.
 
Monkamfo Awurade efisɛ oye;
monto ayeyi nnwom mma ne din, na ɛno na ɛyɛ anisɔ.
Awurade ayi Yakob sɛ ɔnyɛ ne de,
wayi Israel sɛ nʼade a ɛsom bo.
 
Minim sɛ Awurade so;
Ɔso sen anyame nyinaa.
Awurade yɛ nea ɔpɛ biara
wɔ ɔsoro ne asase so,
po ne mu bun nyinaa.
Ɔma omununkum ma ne ho so fi asase ano ba;
ɔsoma anyinam ka osu ho
na ɔma ahum tu fi ne koradan mu.
 
Okum Misraim mmakan,
nnipa ne mmoa mmakan.
Ɔsomaa ne nsɛnkyerɛnne ne nʼanwonwade baa mo mfimfini, Misraim,
de tiaa Farao ne nʼasomfo nyinaa.
10 Ɔsɛee amanaman pii,
na okunkum ahemfo akɛse,
11 Amorifo hene, Sihon
Basan hene, Og
ne Kanaan ahemfo nyinaa,
12 na ɔde wɔn nsase maa sɛ agyapade
ɔde maa ne nkurɔfo Israelfo.
 
13  Awurade, wo din wɔ hɔ daa.
Awurade wo din ahyeta awo ntoatoaso nyinaa mu.
14  Awurade bedi ama ne nkurɔfo
na obehu nʼasomfo mmɔbɔ.
 
15 Amanaman no ahoni yɛ dwetɛ ne sikakɔkɔɔ
a wɔde onipa nsa na ayɛ.
16 Wɔwɔ ano, nanso wontumi nkasa,
wɔwɔ ani, nanso wonhu ade;
17 wɔwɔ aso, nanso wɔnte asɛm,
na ɔhome nso nni wɔn anom.
18 Wɔn a wɔyɛɛ ahoni no bɛyɛ sɛ wɔn ara,
saa ara na wɔn a wɔde wɔn ho to wɔn so no bɛyɛ.
 
19 Monkamfo Awurade, mo Israelfo nyinaa;
monkamfo Awurade, Aaron fi;
20 monkamfo Awurade, Lewi fi;
monkamfo Awurade, mo a musuro no.
21 Mumfi Sion nkamfo Awurade,
monkamfo nea ɔte Yerusalem no.
 
Monkamfo Awurade.