Dwom 134
Ɔsoroforo dwom.
Awurade asomfo nyinaa, monkamfo Awurade,
mo a mosom wɔ Awurade fi anadwo nyinaa.
Momma mo nsa so wɔ kronkronbea hɔ
na monkamfo Awurade.
 
Awurade a ɔbɔɔ ɔsoro ne asase no,
mfi Sion nhyira mo.