Dwom 139
Dawid dwom.
Awurade, woahwehwɛ me mu
na woahu me.
Wunim mʼasetena ne me sɔre;
wufi akyirikyiri hu mʼadwene mu.
Wunim mʼadifi ne me nnae mu;
wunim mʼakwan nyinaa mu.
Ansa na mebue mʼano akasa no
Awurade, na wunim ne nyinaa dedaw.
Woakata me ho nyinaa ahyia
na wobɔ me ho ban.
Saa nimdeɛ yi yɛ me nwonwa dodo,
ɛkɔ soro dodo ma me sɛ medu ho.
 
Ɛhe na metumi afi wo honhom anim akɔ?
Ɛhe na metumi aguan afi wʼanim akɔ?
Sɛ meforo soro a, wowɔ hɔ.
Na mekɔsɛw me kɛtɛ wɔ asaman a, wo ni.
Sɛ mede adekyee ntaban tu
na mekɔtena po akyi nohɔ a,
10 mpo hɔ na wo nsa begya me akɔ,
na wo nsa nifa beso me mu.
11 Na meka se, “Ampa ara sum mmɛkata me so
na hann nnan adesae ntwa me ho nhyia a,”
12 sum mpo nyɛ sum mma wo;
na anadwo bɛhyerɛn sɛ awia;
sum ne hann yɛ wo pɛ.
 
13 Na wo na wobɔɔ me honhom
wonwen me wɔ me na awotwaa mu.
14 Mekamfo wo, efisɛ woyɛɛ me anwonwakwan so a ɛyɛ hu;
wo nnwuma yɛ nwonwa.
Minim ɛno yiye pa ara.
15 Wɔamfa me bɔbea anhintaw wo
bere a wɔyɛɛ me kokoa mu no;
bere a wɔnwenee me wɔ asase bun mu no,
16 wʼani huu me, bere a meyɛ mogyatɔw no.
Nna dodow a woatwa ama me no,
wɔakyerɛw ne nyinaa wɔ wo nhoma mu
ansa na mu baako reba mu.
17 Onyankopɔn, wo nsusuwii som bo ma me!
woka ne nyinaa bɔ mu a, ɛtrɛw dodo!
18 Sɛ mise mɛkan a,
ne dodow bɛboro mpoano nwea,
sɛ minyan a,
me ne wo wɔ hɔ ara.
 
19 Sɛ anka, Onyankopɔn, wubekunkum amumɔyɛfo ɛ!
Mumfi me so, mo a moyɛ mogyapɛfo!
20 Wɔde adwemmɔne ka wo ho asɛm;
wʼatamfo mmmɔ wo din pa.
21  Awurade, metan wɔn a wɔtan wo,
na mikyi wɔn a wɔsɔre tia wo no ana?
22 Minni hwee sɛ ɔtan a mewɔ ma wɔn;
mefa wɔn sɛ mʼatamfo.
23 Hwehwɛ me mu, Onyankopɔn, na hu me koma;
sɔ me hwɛ, na hu mʼadwene.
24 Hwɛ sɛ bɔne bi wɔ me mu a,
na di mʼanim fa daa nkwa kwan so.
Wɔde ma dwonkyerɛfo.