Dwom 140
Dawid dwom.
Awurade, gye me fi nnebɔneyɛfo nsam;
bɔ me ho ban fi basabasayɛfo nsam,
wɔn a wodwen bɔne wɔ wɔn koma mu
na wɔhwanyan ɔko mu da biara.
Wɔsew wɔn tɛkrɛma ano te sɛ ɔwɔ de;
nhurutoa bɔre wɔ wɔn ano.
 
Awurade, yi me fi amumɔyɛfo nsam;
bɔ me ho ban fi basabasayɛfo a
wodwen sɛ wobetwintwan mʼanan mu no ho.
Ahantanfo asum me afiri;
wɔatrɛtrɛw wɔn asau ahama mu
wɔasunsum me mfiri wɔ me kwan so.
 
Awurade, meka kyerɛ wo se, “Wone me Nyankopɔn.”
Awurade, tie me mmɔborɔsu.
Otumfo Awurade, me gyefo hoɔdenfo,
wokata me ti so wɔ ɔko da,
nyɛ amumɔyɛfo abisade mma wɔn, Awurade;
mma wɔn nhyehyɛe nnyɛ yiye.
 
Wɔatwa me ho ahyia,
nanso, ma amumɔyɛsɛm a efi wɔn anom no nsɛe wɔn.
10 Ma nnyansramma ngu wɔn so;
ma wɔntow wɔn ngu ogya mu,
ngu dontori amoa mu a wɔrensɔre bio.
11 Mma dinsɛefo ase ntim asase no so;
ma amanehunu ntaataa kitikitiyɛfo.
 
12 Minim sɛ Awurade bu ahiafo atɛntrenee
na odi onnibi asɛm ma no.
13 Ampa ara, atreneefo bɛkamfo wo din
na wɔn a wɔnam tee no bɛtena nkwa mu wɔ wʼanim.