Dwom 145
Ayeyi dwom. Dawid de.
Mɛma wo so, me Nyankopɔn, Ɔhenkɛse;
mɛkamfo wo din daa daa.
Da biara, mɛkamfo wo;
na mama wo din so daa daa.
 
Awurade so, na ɔsɛ nkamfo kɛse;
obiara ntumi nsusuw ne kɛseyɛ.
Awo ntoatoaso baako bɛkamfo wo nnwuma akyerɛ afoforo;
wɔbɛka wo nnwuma akɛse ho asɛm.
Wɔbɛka wʼanuonyam ne wo tumi a ɛheran no ho asɛm,
na mɛdwene wʼanwonwadwuma ho.
Wɔbɛka wo nnwuma a ɛyɛ hu no mu tumi ho asɛm;
na mapae mu aka wo nneyɛe akɛse no akyerɛ.
Wɔbɛhyɛ wo papayɛ mmoroso no ho fa,
na wɔde anigye ato wo trenee ho dwom.
 
Awurade yɛ ɔdomfo ne mmɔborɔhunufo;
ne bo kyɛ fuw na nʼadɔe dɔɔso.
Awurade ye ma obiara;
na ɔwɔ ahummɔbɔ ma nʼabɔde nyinaa.
10  Awurade, wʼabɔde nyinaa bɛkamfo wo;
na wʼahotefo bɛma wo so.
11 Wɔbɛka wʼahenni no anuonyam ho asɛm
na wɔaka wo mmaninyɛ ho asɛm,
12 sɛ ɛbɛyɛ a nnipa behu wo nnwuma akɛse
ne wʼahenni anuonyam a ɛheran no.
13 Wʼahenni yɛ daa ahenni,
na wo tumidi wɔ hɔ ma awo ntoantoaso nyinaa.
 
Awurade di ne bɔhyɛ nyinaa so,
na ɔwɔ ɔdɔ ma biribiara a wayɛ.
14  Awurade wowaw wɔn a wɔhwe ase
na ɔpagyaw wɔn a wɔn nnesoa ama wɔakom.
15 Aniwa nyinaa hwɛ wo kwan,
na woma wɔn, wɔn aduan wɔ ne bere mu.
16 Wubue wo nsam,
na woma biribiara a ɛwɔ nkwa no nʼapɛde.
 
17  Awurade teɛ wɔ nʼakwan nyinaa mu;
na ɔyɛ adɔe ma nea wayɛ nyinaa.
18  Awurade bɛn wɔn a wɔfrɛ no nyinaa,
wɔn a wɔfrɛ no nokware mu nyinaa.
19 Ɔyɛ wɔn a wosuro no no apɛde ma wɔn;
otie wɔn sufrɛ na ogye wɔn.
20  Awurade hwɛ wɔn a wɔdɔ no no nyinaa so,
nanso amumɔyɛfo de, ɔbɛsɛe wɔn nyinaa.
 
21 Mʼano bɛkamfo Awurade.
Ma abɔde nyinaa nkamfo ne din kronkron no
daa daa.