Dwom 144
Dawid de.
Nkamfo nka Awurade, me Botan,
nea ɔma me nsa akodi ho ntetewee,
ne me nsateaa ma ɔsa.
Ɔyɛ mʼadɔe Nyankopɔn ne mʼabandennen,
me bammɔ ne me gyefo,
me kyɛm a mewɔ guankɔbea wɔ no mu,
ɔno na ɔka nnipa hyɛ mʼase.
 
Awurade, hena ne onipa a wʼani ku no ho
onipa ba a wudwen ne ho yi?
Onipa te sɛ ɔhome;
ne nna te sɛ sunsuma a ɛretwa mu.
 
Awurade, fi ɔsoro hɔ na sian bra fam;
fa wo nsa ka mmepɔw, na emfi wusiw.
Soma anyinam na bɔ atamfo no hwete;
to wo mmɛmma no ma wonguan.
Teɛ wo nsa fi ɔsoro bra fam;
gye me na yi me
fi nsu akɛse ho,
fi ananafo nsam,
wɔn a atoro ayɛ wɔn anom ma,
na wɔn nsa nifa yɛ nnaadaa.
 
Onyankopɔn, mɛto dwom foforo ama wo;
mɛto dwom wɔ sanku a ahama du gu so so ama wo,
10 ama Ɔbaako a ɔde nkonimdi ma ahemfo,
na ogye ne somfo Dawid fi afoawerɛmfo ano.
 
11 Gye me na yi me fi
ananafo nsam,
wɔn a atoro ayɛ wɔn anom ma
na wɔn nsa nifa yɛ nnaadaa.
 
12 Afei yɛn mmabarima mmerantebere mu
bɛyɛ sɛ afifide a wɔahwɛ so yiye,
na yɛn mmabea bɛyɛ sɛ adum
a wɔasen de asiesie ahemfi.
13 Yɛn asan bɛyɛ amaama;
aduan ahorow biara bɛba so.
Yɛn nguan dodow so bɛto mpem mpem,
wɔn so bɛto mpem du du wɔ yɛn mfuw so;
14 yɛn anantwi bɛtwe nnesoa duruduru.
Wɔrennwiriw afasu,
yɛrenkɔ nkoasom mu,
na agyaadwotwa remma yɛn mmɔnten so.
15 Nhyira nka nnipa a ɛbɛba mu saa ama wɔn.
Nhyira nka nnipa a wɔn Nyankopɔn ne Awurade.