Dwom 147
Monkamfo Awurade.
 
Eye sɛ wɔto ayeyi nnwom ma yɛn Nyankopɔn,
ɛyɛ fɛ na ɛfata dodo sɛ wɔkamfo no!
 
Awurade kyekyere Yerusalem;
Ɔboaboa Israel nnommum ano.
Ɔsa wɔn a wɔn koma abotow no yare,
na ɔkyekyere wɔn akuru.
Ɔkyerɛ nsoromma dodow a ɛwɔ hɔ,
na ɔde obiara din frɛ no.
Yɛn Awurade so, na ne tumi yɛ kɛse;
yɛrente nʼase nwie.
Awurade wowaw ahobrɛasefo
na ɔtotow amumɔyɛfo hwehwe fam.
 
Monto aseda nnwom mma Awurade.
Momfa sanku nto dwom mma yɛn Nyankopɔn.
 
Ɔde omununkum kata ɔsoro ani;
ɔma asase osu
ma sare nyin wɔ nkoko so.
Ɔma anantwi aduan,
na sɛ kwaakwaadabimma su a, ɔma wɔn aduan.
 
10 Ɛnyɛ ɔpɔnkɔ ahoɔden na nʼani sɔ
na ɛnyɛ onipa ahoɔden nso.
11 Na mmom, Awurade ani sɔ nnipa a wosuro no,
wɔn a wɔde wɔn ho to nʼadɔe a ɛnsa da no so no.
 
12 Momma Awurade so, Yerusalem;
kamfo wo Nyankopɔn, Sion,
13 ɔma wʼapon akyi adaban yɛ den,
na ohyira wo nkurɔfo a wɔte wo mu.
14 Ɔma wʼahye so dwo,
na ɔde awi ankasa ma wo.
 
15 Ɔsoma nʼahyɛde kɔ asase so;
nʼasɛm tu mmirika ntɛm so.
16 Ɔtrɛw sukyerɛmma mu sɛ oguan ho nwi,
na ɔpete obosu sukyerɛmma sɛ nsõ.
17 Ɔtotow mparuwbo gu fam sɛ mmosea.
Hena na obetumi agyina nʼawɔw dennen no ano?
18 Ɔsoma nʼasɛm no ma ɛnan no;
ɔhwanyan ne mframa, na nsu sen.
 
19 Wada nʼasɛm adi akyerɛ Yakob,
ne mmara ne ɔhyɛ nsɛm akyerɛ Israel.
20 Ɔnyɛɛ eyi maa ɔman foforo biara ɛ;
wonnim ne mmara.
 
Monkamfo Awurade!