Dwom 148
Monkamfo Awurade!
 
Monkamfo Awurade mfi ɔsorosoro,
monkamfo no wɔ ɔsoro sorɔnsorɔmmea.
Nʼabɔfo nyinaa, monkamfo no,
ne ɔsoro asafo nyinaa, monkamfo no.
Owia ne ɔsram, monkamfo no,
nsoromma a ɛhyerɛn nyinaa, monkamfo no.
Monkamfo no, ɔsoro mu soro
ne mo nsu a mowɔ ɔsoro atifi.
 
Momma wɔn nyinaa nkamfo Awurade din,
efisɛ ɔno na ɔhyɛ ma wɔbɔɔ wɔn.
Ɔde wɔn sisii hɔ afebɔɔ;
na ɔmaa ɔhyɛ nsɛm bi a ɛrentwa mu da.
 
Monkamfo Awurade mfi asase so,
mo po kɛse mu abɔde ne po bun nyinaa,
anyinam ne mparuwbo, sukyerɛmma ne omununkum,
ahum a moyɛ nʼapɛde,
mo mmepɔw ne nkoko nyinaa,
nnua a ɛsow aba ne sida nyinaa,
10 nwura mu mmoa ne anantwi,
abɔde nketewa ne nnomaa a wotu,
11 asase ne amanaman nyinaa so ahemfo,
mo mmapɔmma ne asase sodifo nyinaa,
12 mmerante ne mmabaa,
mmasiriwa ne mmofra nso.
 
13 Ma wɔnkamfo Awurade din,
na ne din so sen din biara;
nʼanuonyam korɔn wɔ asase ne ɔsoro so.
14 Wapagyaw mmɛn bi ama ne nkurɔfo,
nʼahotewfo nyinaa nkamfo;
Israelfo, nnipa a wɔda ne koma so no nkamfo.
 
Monkamfo Awurade.