Dwom 150
Monkamfo Awurade.
 
Monkamfo Awurade wɔ ne kronkronbea;
monkamfo no wɔ ɔsoro tumi mu.
Monkamfo no wɔ ne tumi mu nneyɛe ho;
monkamfo no wɔ ne kɛseyɛ a ɛboro biribiara so no ho.
Momfa torobɛnto nnyigyei nkamfo no,
momfa asanku ne bɛnta nkamfo no,
momfa akasaa ne asaw nkamfo no,
momfa sankuten ne atɛntɛbɛn nkamfo no,
momfa kyɛnkyɛn mmobɔmu so nkamfo no,
momfa kyɛnkyɛn nnyigyei nkamfo no.
 
Momma nea ɛhome nyinaa nkamfo Awurade.
 
Monkamfo Awurade.