Dwom 149
Monkamfo Awurade.
 
Monto dwom foforo mma Awurade,
monkamfo no wɔ ahotefo asafo mu.
 
Ma Israel ani nnye ne Yɛfo mu.
Ma Sion mma ani nnye wɔn Hene mu.
Ma wɔmfa asaw nkamfo ne din
na wɔmfa sanku ne akasaa nto dwom mma no.
Na Awurade ani sɔ ne nkurɔfo;
ɔde nkwagye kyɛw hyɛ ahobrɛasefo.
Momma ahotefo nni ahurusi wɔ anuonyam yi mu;
na wɔnto ahosɛpɛw dwom wɔ wɔn mpa so.
 
Onyankopɔn nkamfo nhyɛ wɔn anom,
na ɛnyɛ afoa anofanu wɔ wɔn nsam,
sɛ wɔmfa ntɔ were wɔ amanaman no so
ne asotwe wɔ nnipa no so,
sɛ wɔmfa nyɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn nkyekyere wɔn ahemfo,
ne dade mpokyerɛ ngu wɔn atitiriw,
sɛ wɔmfa mmu atɛn, sɛnea wɔakyerɛw atia wɔn no.
Eyi ne nʼahotewfo nyinaa anuonyam.
 
Monkamfo Awurade.