Dwom 17
Dawid Mpaebɔ.
Awurade, tie me trenee abisade;
tie me sufrɛ.
Yɛ aso ma me mpaebɔ;
nea emfi nnaadaa anofafa mu.
Ma me bembu mfi wo;
ma wʼani nhu nea ɛyɛ pɛ.
 
Wopɛɛpɛɛ me koma mu,
wohwehwɛ me mu anadwo,
na wosɔ me hwɛ de, nanso wubehu sɛ minsusuw bɔne bi ɛ;
mʼano nkaa bɔne bi ɛ.
Nnipa nneyɛe fam no,
anom asɛm nti
matwe me ho afi
basabasayɛfo akwan ho.
Menam wʼakwan so daa;
me nan nhintiw ɛ.
 
Misu mefrɛ wo, Onyankopɔn
na wubegye me so;
yɛ aso ma me na tie me mpaebɔ.
Da wo dɔ nwonwaso no adi;
wo a wode wo nsa nifa
gye wɔn a wɔde wɔn ho to wo so no nkwa
fi wɔn atamfo nsam no.
Hwɛ me so sɛ obi a wodɔ no;
fa me sie wo ntaban nwini no ase,
fi amumɔyɛfo a wɔretaataa me no nsam,
mʼatamfo a wɔatwa me ho ahyia no.
 
10 Wopirim wɔn koma,
na wɔkasa ahantan so.
11 Wɔadi me ntɛntɛ, afei wɔatwa me ho ahyia;
wɔn ani abere sɛ wɔbɛbɔ me ahwe fam.
12 Wɔte sɛ gyata a hanam ho kɔm de no,
te sɛ gyata kɛse bi a wabutuw wɔ ahintawee.
 
13 Sɔre, Awurade!
Wone wɔn mfa mmɔ ani na ka wɔn hyɛ;
fa wʼafoa no gye me fi amumɔyɛfo no nsam.
14  Awurade, fa wo nsa
gye me fi nnipa a wɔte sɛɛ nsam;
asase so nnipa a wɔn akatua wɔ nkwa yi mu no.
Womma ɔkɔm nne wɔn a wʼani ku wɔn ho;
wɔn mmabarima wɔ bebree,
na wɔkora agyapade ma wɔn mma.
 
15 Na me trenee mu, mehu wʼanim;
sɛ minyan na mihu wo a me koma bɛtɔ me yam.
Wɔde ma dwonkyerɛfo.