Dwom 18
Awurade akoa Dawid dwom. Ɔtoo saa dwom yi maa Awurade, bere a ogyee no fii nʼatamfo nyinaa ne Saulo nsam no.
Medɔ wo, Awurade, mʼahoɔden.
 
Awurade ne me botantim;
mʼaban ne me gyefo;
me Nyankopɔn yɛ me botan.
Ne mu na minya me hintabea.
Ɔyɛ me nkatabo, me nkwagye abɛn ne mʼabandennen.
Misu frɛ Awurade; ɔno na ayeyi sɛ no,
efisɛ ogye me fi mʼatamfo nsam.
Owu nkɔnsɔnkɔnsɔn kyekyeree me;
na ɔsɛe asorɔkye bu faa me so.
Ɔda mu hama kyekyeree me;
mihyiaa owu mfiri.
Mʼahohia mu, misu frɛɛ Awurade.
Misu frɛɛ me Nyankopɔn hwehwɛɛ mmoa.
Ofi nʼasɔrefi hɔ tee me nne;
me sufrɛ baa nʼanim, na ɛkɔɔ nʼasom.
Asase wosowee na ehinhimii,
na mmepɔw fapem wosowee
wosuroe, efisɛ na ne bo afuw.
Wusiw fii ne hwene mu;
ogyaframa fii nʼanom,
na nnyansramma dɛw fii mu.
Ofii ɔsoro baa fam;
na omununkum kabii duruu nʼanan ase.
10 Ɔte kerubim so tu kɔɔ soro;
gyaagyaa ne ho wɔ mframa ntaban so.
11 Ɔde sum kataa ne ho,
osu a amuna tumm atwa ne ho ahyia.
12 Hann kɛse hyerɛn wɔ nʼanim,
na omununkum a mparuwbo ne anyinam wɔ mu fii ne ho hyerɛn mu bae.
13  Awurade bobɔɔ mu fii ɔsoro;
Ɔsorosoroni no nne gyigyee bio.
14 Ɔtow ne bɛmma no de bɔɔ atamfo no ahwete,
ɔde anyinam a ano yɛn den pam wɔn.
15 Po mu abon ho yiyii
na asase nnyinaso ho daa hɔ,
esiane wʼanimka ne ahomegu a efi wo hwene mu no nti,
Awurade.
 
16 Ofi soro baa fam besoo me mu;
ɔtwee me fii nsu a mu dɔ mu.
17 Ogyee me fii me tamfo hoɔdenfo nsam,
wɔn a wɔn ani sa me, na wɔn ho yɛ den dodo ma me no.
18 Wɔbaa me so wɔ mʼamanehunu da mu,
nanso Awurade maa me so,
19 wode me baa baabi a hɔ trɛw;
ogyee me, efisɛ nʼani sɔɔ me.
 
20  Awurade ne me adi no sɛnea me trenee te;
wahwɛ me nsa a ho tew so atua me ka.
21 Manantew Awurade akwan so.
Mentwee me ho mfii me Nyankopɔn ho nkɔyɛɛ bɔne ɛ.
22 Madi ne mmara nyinaa so:
mimmuu nʼahyɛde so.
23 Me ho nni asɛm wɔ Onyankopɔn anim,
na matwe me ho afi bɔne ho.
24  Awurade agyina me treneeyɛ
ne me nsa a ho tew wɔ nʼanim no so atua me ka.
 
25 Woda wo ho adi sɛ ɔnokwafo kyerɛ wɔn a wodi nokware,
wɔn a wodi mu nso wokyerɛ wɔn sɛ wodi mu.
26 Woyɛ kronkron ma wɔn a wɔyɛ kronkron,
na amumɔyɛfo de, wukyi wɔn.
27 Wugye ahobrɛasefo nkwa,
na wobrɛ ahantanfo ase.
28  Awurade, woma me kanea hyerɛn.
Yiw, woma me sum dan hann.
29 Wʼahoɔden a wode ma me nti, mitumi ka asraafo gu;
me Nyankopɔn nti, mitumi foro ɔfasu.
 
30 Onyankopɔn de, nʼakwan yɛ pɛ;
Awurade bɔhyɛ nyinaa ba mu.
Ɔyɛ nkatabo
ma wɔn a wɔhwehwɛ bammɔ wɔ ne mu.
31 Na hena na ɔyɛ Onyankopɔn ka Awurade ho?
Hena na ɔyɛ Ɔbotan no? Gye sɛ yɛn Nyankopɔn no.
32 Ɛyɛ Onyankopɔn na ɔma me ahoɔden,
na ɔma me kwan yɛ pɛ.
33 Ɔma mʼanammɔn ho yɛ hare sɛ ɔforote de.
Ɔma me gyina sorɔnsorɔmmea.
34 Osiesie me ma ɔko,
na me basa tumi kuntun kɔbere mfrafrae tadua.
35 Wode wo ogye boa me nkatabo,
na wo nsa nifa ma me gyina.
Wobrɛ wo ho ase ma meyɛ ɔkɛse.
36 Woabɔ kwan tɛtrɛɛ ama mʼanan
sɛnea me nkotodwe rengurow.
 
37 Metaa mʼatamfo kɔtoo wɔn;
mansan mʼakyi kosii sɛ mesɛee wɔn.
38 Mɛdwerɛw wɔn, na wɔantumi ansɔre,
wɔhwehwee ase wɔ mʼanan ase.
39 Wode akodi ahoɔden maa me;
womaa mʼatamfo bɔɔ wɔn mu ase wɔ me nan ase.
40 Womaa mʼatamfo dan wɔn ho guanee,
na mesɛe wɔn a wɔtan me.
41 Wosu hwehwɛɛ mmoa, nanso obiara ammegye wɔn,
wɔfrɛɛ Awurade, nanso wammua.
42 Meyam wɔn sɛ mfutuma a mframa bɔ gu;
mihwiee wɔn guu sɛ mmɔnten so dontori.
43 Woagye me afi nnipa no ɔfow mu,
woayɛ me amanaman no ti;
nnipa a minnim wɔn abɛyɛ mʼasomfo.
44 Wɔte me nka pɛ a, wɔyɛ osetie ma me;
ananafo kotow mʼanim.
45 Wɔn nyinaa botobotow;
wofi wɔn abandennen mu ba ahopopo so.
 
46  Awurade te ase! Ayeyi nka me Botan!
Wɔmma Onyankopɔn, me Gyefo no din so!
47 Ɔno ne Onyankopɔn a ɔtɔ were ma me,
ɔno na ɔka amanaman hyɛ mʼase,
48 ɔno na ogye me fi mʼatamfo nsam.
Wopagyaw me sii mʼatamfo so,
wugyee me fii basabasayɛfo nsam.
49 Ɛno nti, mɛkamfo wo wɔ amanaman mu, Ao Awurade.
Mɛto ayeyi dwom ama wo din.
 
50 Wode nkonimdi akɛse ama wo hene;
woda ɔdɔ a ɛnsa da adi kyerɛ nea woasra no ngo,
wode kyerɛ Dawid, ne nʼasefo afebɔɔ.
Wɔde ma dwonkyerɛfo.