Dwom 2
Adɛn nti na amanaman no hyehyɛ bɔne ho
na nnipa no bɔ pɔw hunu yi?
Asase so ahemfo sɔre gyina
na sodifo ka wɔn ho bɔ mu
tia Awurade ne Nea Wɔasra no no.
Wɔka se,
“Momma yemmubu wɔn nkɔnsɔnkɔnsɔn
na yɛntow wɔn mpokyerɛ ngu.”
 
Nea ɔte agua so wɔ ɔsoro no serew;
Awurade di wɔn ho fɛw.
Afei ɔka wɔn anim wɔ nʼabufuw mu,
hunahuna wɔn wɔ nʼabufuwhyew mu, ka se,
“Masi me Hene
wɔ Sion, me bepɔw kronkron no so.”
Mɛpae mu aka Awurade ahyɛde:
Ɔka kyerɛɛ me se, “Woyɛ me Ba;
nnɛ mayɛ wʼAgya.
Bisa me,
na mede amanaman nyinaa bɛyɛ wʼagyapade,
asase ano nyinaa bɛyɛ wo de.
Wode dade ahempema bedi wɔn so;
na woabobɔ wɔn sɛ ɔnwemfo ahina.”
 
10 Enti mo ahemfo, munsua nyansa;
monkae kɔkɔbɔ yi, mo asase sodifo.
11 Momfa osuro nsom Awurade
na monsɛpɛw mo ho ahopopo mu.
12 Mumfew Ɔba no ano, na ne bo amfuw
na mo akwan de mo bɛkɔ ɔsɛe mu,
efisɛ nʼabufuwhyew tumi sɔre mpofirim.
Nhyira ne wɔn a woguan toa no nyinaa.