Dwom 3
Dawid dwom a ɔtoe bere a ɔreguan afi ne babarima Absalom anim.
Awurade, hwɛ sɛnea mʼatamfo dɔɔso fa!
dodow no ara na wɔsɔre tia me!
Bebree no ara ka fa me ho se,
“Onyankopɔn rennye no.”
 
Nanso wo, Awurade, woyɛ nkatabo a atwa me ho ahyia
mʼanuonyam, nea Ɔpagyaw me ti.
Meteɛ mu su frɛ Awurade,
na ogye me so fi ne bepɔw kronkron no so.
 
Metɔ hɔ na meda a,
minyan bio, efisɛ Awurade ma migyina.
Merensuro atamfo mpem mpem a
wɔatwa me ho ahyia no.
 
Sɔre, Awurade!
Gye me, me Nyankopɔn!
Bobɔ mʼatamfo nyinaa abogye;
na tutu amumɔyɛfo se.
 
Awurade hɔ na ogye fi ba.
Ma wo nhyira mmra wo nkurɔfo so.
Wɔde ma dwonkyerɛfo. Wɔto wɔ sankuhama so.