Dwom 23
Dawid dwom.
Awurade ne me hwɛfo, hwee renhia me.
Ɔma meda wura frɔmfrɔm adidibea;
ogya me kɔ nsu a ɛho dwo ho,
odwudwo me kra.
Ɔde me fa akwantrenee so,
ne din nti.
Sɛ menam
owu sum kabii mu mpo a,
minsuro bɔne bi,
efisɛ wo ne me na ɛwɔ hɔ;
wʼabaa ne wo pema
na ɛkyekye me werɛ.
 
Woto me pon wɔ
mʼatamfo anim.
Wode ngo fɔw me tirim;
me kuruwa yɛ ma bu so.
Yiye ne adɔe nko na ebedi mʼakyi
me nkwanna nyinaa;
na mɛtena Awurade fi
daa.