Dwom 22
Dawid dwom.
Me Nyankopɔn, me Nyankopɔn, adɛn nti na woagyaw me?
Adɛn nti na me nkwagye ne wo ntam aware,
adɛn na mʼapinisi nsɛm ne wo ntam aware?
Me Nyankopɔn, misu frɛ wo awia, nanso wunnye me so,
mefrɛ wo anadwo, nanso minnya ɔhome.
 
Nanso wɔasi wo hene sɛ Ɔkronkronni;
wo na Israel kamfo wo.
Wo mu na yɛn agyanom de wɔn werɛ hyɛe;
wogyee wo dii, na wugyee wɔn.
Wosu frɛɛ wo na wugyee wɔn,
wɔde wɔn ho too wo so na woanni wɔn nhuammɔ.
 
Nanso meyɛ osunson, na menyɛ onipa
nnipa bɔ me ahohora na wobu me animtiaa.
Obiara a ohu me di me ho fɛw;
wotwa me adapaa, wosow wɔn ti ka se:
“Ɔde ne ho to Awurade so;
ma Awurade mmegye no.
Ma ɔmmɛboa no,
efisɛ ɔwɔ no mu anigye.”
 
Wo na wuyii me fii awotwaa mu bae
na womaa me de me ho too wo so
bere a mitua me na nufu ano mpo.
10 Efi mʼawo mu na wɔde me too wo so;
efi me na yafunu mu, woayɛ me Nyankopɔn.
11 Ntwe wo ho mfi me ho!
Efisɛ amane abɛn
na ɔboafo nni baabi.
 
12 Anantwinini bebree atwa me ho ahyia;
Basan anantwinini a wɔn ho yɛ den atwa me ho ahyia.
13 Gyata a wɔbobɔ mu na wɔtetew wɔn hanam mu
abuebue wɔn anom tɛtrɛɛ de kyerɛ me.
14 Wɔahwie me agu sɛ nsu,
na me nnompe nyinaa ahodwow.
Me koma adan amane;
anan wɔ me mu.
15 Mʼanom ayow te sɛ kyɛmfɛre mu.
Na me tɛkrɛma atare mʼanom.
Wode me to owu mfutuma mu.
 
16 Akraman atwa me ho ahyia,
nnebɔneyɛfo kuw atwa me ahyia,
wɔahwirew me nsa ne mʼanan mu.
17 Me nnompe nyinaa gu petee mu;
Mʼatamfo hwɛ me haa na wɔserew me.
18 Wɔkyɛ me atade mu fa,
na wɔbɔ me ntama so ntonto.
 
19 Na wo, Awurade, ntwe wo ho;
wone mʼahoɔden, bra ntɛm bɛboa me.
20 Gye me kra fi afoa ano;
gye me nkwa a ɛsom bo no fi akraman tumi ase.
21 Gye me nkwa fi gyata anom;
gye me fi ɛko mmɛn so.
 
22 Mɛbɔ wo din akyerɛ me nuanom;
mɛkamfo wo wɔ wɔn a wɔahyia hɔ no nyinaa anim.
23 Monkamfo Awurade, mo a musuro no no!
Mo a moyɛ Yakob asefo, monhyɛ no anuonyam!
Mo Israel asefo nyinaa, munni no ni!
24 Ommuu nʼani nguu
ɔmanehunufo ateetee so ɛ,
ɔmfaa nʼanim nhintaw no;
na mmom watie ne sufrɛ a ɔde rehwehwɛ mmoa no.
25 Me botae a mede yi wo ayɛ wɔ bagua mu no fi wo;
medi me bɔhyɛ so wɔ wɔn a wosuro wo no anim.
26 Ahiafo bedidi na wɔamee;
wɔn a wɔhwehwɛ Awurade beyi no ayɛ,
mo koma nnya nkwa daa.
 
27 Asase ano nyinaa
bɛkae akɔ Awurade nkyɛn,
na amanaman no mmusua nyinaa
bɛkotow nʼanim,
28 efisɛ tumi wɔ Awurade
na odi amanaman so hene.
 
29 Asase so adefo nyinaa bedidi na wɔasɔre no;
wɔn a wɔkɔ dɔte mu nyinaa bebu nkotodwe nʼanim,
wɔn a wɔrentumi mma nkwa mu.
30 Nkyirimma nyinaa bɛsom no;
wɔbɛka Awurade ho asɛm akyerɛ awo ntoatoaso a edidi so.
31 Wɔbɛka ne trenee akyerɛ
nnipa a wonnya nwoo wɔn
efisɛ ɔno na wayɛ.