Dwom 25
Dawid dwom.
Awurade, me Nyankopɔn, wo mu na mede me werɛ hyɛ.
Wo so, me Nyankopɔn, na mede me ho to,
mma mʼanim ngu ase,
na mma mʼatamfo nso nni me so nkonim.
Wɔn a wɔde wɔn ho to wo so no mu biara
anim rengu ase da,
mmom, wɔn a wɔyɛ kɔntɔnkye kwa no
anim begu ase.
 
Kyerɛ me wʼakwan, Awurade,
na minhu wʼatempɔn.
Fa wo nokware no so kyerɛkyerɛ me,
efisɛ woyɛ Onyankopɔn, me Gyefo,
na mʼani da wo so daa nyinaa.
Kae, Awurade, wo mmɔborɔhunu ne wo dɔ kɛse
a ɛwɔ hɔ fi tete no.
Nkae me mmabun bere mu bɔne
ne mʼatuatew akwan;
kae me sɛnea wʼadɔe te,
Awurade, efisɛ wuye.
 
Awurade ye na ɔteɛ;
enti ɔkyerɛkyerɛ nnebɔneyɛfo nʼakwan.
Ɔde ahobrɛasefo fa ɔkwan pa so
na ɔkyerɛ wɔn nʼapɛde.
10  Awurade akwan nyinaa yɛ ɔdɔ ne nokwaredi
ma wɔn a wodi nʼapam mu ahyɛde so.
11  Awurade, me bɔne so de,
nanso wo din nti, fa kyɛ me.
 
12 Enti hena ne onipa a osuro Awurade?
Ɔbɛkyerɛ no ɔkwan a wabɔ ama no.
13 Obedi yiye wɔ ne nkwanna mu,
na nʼasefo afa asase no sɛ wɔn agyapade.
14  Awurade da nʼatirimsɛm adi kyerɛ wɔn a wosuro no;
na ɔma wohu nʼapam.
15 Mʼani da Awurade so daa,
efisɛ ɔno nko ara na obeyi mʼanan afi afiri mu.
 
16 Dan wʼani hwɛ me, na dom me,
efisɛ meyɛ ankonam na meyɛ mmɔbɔ.
17 Me koma mu dadwen adɔɔso;
yi me dadwen fi me so.
18 Hwɛ me haw ne mʼahohiahia
na yi me bɔne nyinaa fi me so.
19 Hwɛ sɛnea mʼatamfo adɔɔso
ne ɔtan kɛse a wɔde tan me!
20 Bɔ me nkwa ho ban na gye me;
mma mʼanim ngu ase,
efisɛ me guankɔbea ne wo.
21 Ma trenee ne nokware mmɔ me ho ban,
efisɛ mʼani da wo so.
 
22 Gye Israel, Onyankopɔn,
fi wɔn haw nyinaa mu.