Dwom 26
Dawid dwom.
Bu me bem, Awurade,
efisɛ, mabɔ bra a asɛm nni ho:
mede me ho too Awurade so
na manhinhim.
Sɔ me hwɛ, Awurade,
hwehwɛ me koma ne mʼadwene mu.
Wʼadɔe wɔ mʼanim daa
na mɛnantew wo nokware mu.
 
Me ne nnaadaafo ntena
na me ne nyaatwomfo nso nni hwee yɛ.
Mikyi nnebɔneyɛfo guabɔ
na mempɛ sɛ me ne amumɔyɛfo tena.
Mehohoro me nsa wɔ bembu mu,
na mekɔ wʼafɔremuka ho ahyia, Awurade,
na mepae mu ka wʼayeyi
na meka wʼanwonwade nyinaa.
 
Mʼani gye ofi a wote mu ho, Awurade,
faako a wʼanuonyam wɔ no.
Mfa me kra nka nnebɔneyɛfo de ho nkɔ,
ne me nkwa nka mogyapɛfo de ho,
10 wɔn a amumɔyɛ nhyehyɛe wɔ wɔn nsam
na adanmude ayɛ wɔn nsa nifa ma.
 
11 Nanso mebɔ ɔbra a ho tew;
hu me mmɔbɔ na gye me nkwa.
 
12 Mʼanan sisi asase tamaa so;
na guabɔ kɛse ase na mɛkamfo Awurade.