Dwom 28
Dawid dwom.
Wo na misu frɛ wo,
Awurade me Botan;
nsiw wʼaso wɔ me ho.
Sɛ woyɛ komm a,
mɛyɛ sɛ wɔn a wɔasian kɔ amoa mu no.
Tie me mmɔborɔsu
bere a mefrɛ wo apɛ mmoa,
bere a mema me nsa so
kyerɛ wo Tenabea Kronkron hɔ.
 
Mfa me mfra amumɔyɛfo mu ntwe me nkɔ,
mfa me nka wɔn a wɔyɛ bɔne no ho.
Wɔne wɔn yɔnkonom kasa fɛfɛ,
nanso wɔde ɔtan sie wɔn koma mu.
Twe wɔn aso wɔ nea wɔayɛ no so;
wɔn adwuma bɔne no so;
tua nea wɔde wɔn nsa ayɛ so ka
na fa nea ɛfata wɔn san bra wɔn so.
 
Sɛ wommu nea Awurade ayɛ
ne nea ɔde ne nsa ayɛ no nti
ɔbɛbrɛ wɔn ase
na ɔremma wɔnnsɔre bio.
 
Ayeyi nka Awurade,
efisɛ watie me mmɔborɔsu.
Awurade ne mʼahoɔden ne me nkatabo
me koma wɔ ne mu ahotoso, na ɔboa me.
Me koma di ahurusi
na mede dwonto bɛda no ase.
 
Awurade yɛ ahoɔden ma ne nkurɔfo;
ne nkwagye nsraban ma nea wɔasra no ngo.
Gye wo nkurɔfo na hyira wʼagyapade;
yɛ wɔn hwɛfo, na wo ne wɔn nnantew afebɔɔ.