Dwom 29
Dawid dwom.
Momfa mma Awurade no, mo ɔsoro abɔde,
momfa anuonyam ne tumi mma Awurade.
Momfa anuonyam a ɛfata Awurade din mma no;
monsɔre Awurade wɔ nʼanuonyam kronkron mu.
 
Awurade nne wɔ nsu no so;
anuonyam Nyankopɔn bobɔ mu,
Awurade bobɔ mu wɔ nsu akɛse so.
Awurade nne mu wɔ tumi;
Awurade nne mu wɔ anuonyam.
Awurade nne bubu sida;
Awurade nne bubu Lebanon sida mu nketenkete
Ɔma Lebanon huruhuruw te sɛ nantwi ba,
na Sirion nso sɛ ɛko ba.
Awurade nne pa ma anyinam gya dɛw.
Awurade nne wosow sare so;
Awurade wosow Kades sare.
Awurade nne kyinkyim adum
na ɛma kwae yɛ kwaterekwa.
Nʼasɔredan mufo nyinaa teɛ mu ka se,
“Anuonyam nka Onyankopɔn!”
 
10  Awurade di hene wɔ nsuyiri so;
wɔasi Awurade hene afebɔɔ.
11  Awurade ma ne nkurɔfo ahoɔden,
na ɔde asomdwoe hyira wɔn.
Dwom a wɔto de buee Asɔredan no ano.