Dwom 33
Momfa ahurusi nto dwom mma Awurade, mo atreneefo,
ɛfata sɛ wɔn a wɔteɛ no yi no ayɛ.
Momfa sanku nkamfo Awurade;
monto dwom mma no wɔ sankuten so.
Monto dwom foforo mma no.
Momfa nimdeɛ mmɔ sanku no na monteɛ mu ahurusi so!
 
Awurade asɛm teɛ na ɛyɛ nokware
odi nokware wɔ nea ɔyɛ nyinaa mu.
Awurade dɔ treneeyɛ ne atɛntrenee.
Nʼadɔe a ɛnsa da no ahyɛ asase so ma.
 
Awurade asɛm so na wɔnam yɛɛ ɔsorosoro,
nʼanom home so na wɔnam yɛɛ ɔsoro asafo.
Ɔka po nsu boa ano kuw;
na ɔde bun sie nea hɔ dɔ.
Momma asase sofo nyinaa nsuro Awurade;
na wiasefo nyinaa mfa nidi mma no.
Ɔno na ɔkasa ma ɛbaa mu
na ɔhyɛ ma egyinaa pintinn.
10  Awurade sɛe amanaman no nhyehyɛe;
ɔma adesamma nsusuwii yɛ ɔkwa.
11 Nanso Awurade nhyehyɛe tim hɔ daa,
ne koma mu botae wɔ hɔ ma awo ntoatoaso.
 
12 Nhyira ne ɔman a ne Nyankopɔn ne Awurade,
nnipa a oyii wɔn sɛ nʼagyapade no.
13  Awurade hwɛ adesamma nyinaa fi ɔsoro.
14 Ofi nʼatenae hwɛ wɔn a wɔte asase so nyinaa.
15 Ɔno ne nea ɔbɔɔ wɔn nyinaa koma,
na osusuw nea wɔyɛ nyinaa ho.
16 Ɛnyɛ ɔhene asraafo dɔm kɛse na ebegye no;
ɔkofo biara nni hɔ a ofi nʼahoɔden mu guan.
17 Ɔpɔnkɔ mu ahotoso yɛ ɔkwa wɔ nkwagye mu;
nʼahoɔden nyinaa akyi no, ɔrentumi nnye nkwa.
18 Nanso Awurade ani wɔ wɔn a wosuro no no so,
wɔn a wɔwɔ anidaso wɔ ne dɔ a ɛnsa da no mu,
19 sɛ obegye wɔn afi owu mu
na wama wɔatena nkwa mu wɔ ɔkɔm bere mu.
 
20 Yɛde anidaso twɛn Awurade;
ɔyɛ yɛn boafo ne yɛn nkatabo.
21 Ne mu na yɛn koma di ahurusi,
efisɛ yɛde yɛn ho to ne din kronkron no so.
22 Ma wʼadɔe a ɛnsa da no ntena yɛn so, Awurade,
sɛnea anidaso a yɛwɔ wɔ mu no te.