Dwom 32
Dawid dwom.
Nhyira ne wɔn a
wɔde wɔn amumɔyɛ akyɛ wɔn,
na wɔakata wɔn bɔne so.
Nhyira nka onipa a
Awurade mmu ne bɔne ngu no so
na nnaadaa nni ne honhom mu.
 
Bere a meyɛɛ komm no,
me nnompe yɛɛ mmrɛw,
apini a misii no da mu nyinaa nti.
Awia ne anadwo
wo nsa yɛɛ den wɔ me so;
mʼahoɔden sae
te sɛ awia bere mu ɔhyew.
Afei, migyee me bɔne too mu.
Mankata mʼamumɔyɛ so.
Mekae se, “Mɛka
me bɔne akyerɛ Awurade,”
na wode me bɔne ho afɔdi kyɛɛ me.
 
Enti, ma agyidifo nyinaa mmɔ wo mpae
bere a wohu wo;
ampa ara sɛ asu akɛse yiri a,
ɛrenka no.
Wone me hintabea;
wobɛbɔ me ho ban wɔ amanehunu mu
na wode nkwagye nnwom atwa me ho ahyia.
 
Mɛkyerɛkyerɛ wo ɔkwan a wobɛfa so
metu wo fo na mahwɛ wo so.
Ɛnyɛ sɛ ɔpɔnkɔ anaa afurumpɔnkɔ a
onni ntease nti
wɔde nnareka ne hama na ɛdannan no,
sɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛba wo nkyɛn.
10 Omumɔyɛfo amanehunu dɔɔso,
nanso Awurade adɔe a ɛnsa da no
twa onipa a ɔde ne ho to no so no ho hyia.
 
11 Munni ahurusi na mo ani nnye wɔ Awurade mu, mo atreneefo;
monto dwom, mo a mo koma mu tew.