Dwom 35
Dawid dwom.
Awurade wo ne wɔn a wɔne me di asi no nni asi;
ko tia wɔn a wɔko tia me.
Fa wo nkatabo ne wʼakode;
na sɔre bra bɛboa me.
Twe peaw ne abonnua
wɔ wɔn a wɔtaa me no so.
Ka kyerɛ me kra se,
“Mene wʼagyenkwa.”
 
Wɔn a wɔpɛ sɛ wokum me no,
ma wɔn anim ngu ase;
wɔn a wɔbɔ me sɛe ho pɔw no,
ma wɔmfa aniwu nsan wɔn akyi.
Ma wɔnyɛ sɛ ntɛtɛ a mframa bɔ gu
wɔn a Awurade bɔfo repam wɔn no.
Ma wɔn akwan so nnuru sum na ɛso ɛnyɛ toro,
na Awurade bɔfo ntaa wɔn.
Esiane sɛ wɔde ɔtan sum me afiri kwa,
na wotuu amoa maa me a menyɛɛ wɔn hwee no nti
ma ɔsɛe mmefu wɔn mu
na ɔtan no a wɔde hintaw no nyi wɔn,
na ma wɔnhwe amoa no mu nsɛe.
Afei me kra ani begye wɔ Awurade mu
na wasɛpɛw ne ho wɔ ne nkwagye mu.
10 Me nipadua nyinaa bɛteɛ mu aka se,
“Hena na ɔte sɛ wo, Awurade?
Wugye ohiani fi ahoɔdenfo nsam,
ne nea onni bi fi apoobɔfo nsam.”
 
11 Adansekurumfo sɔre;
wobisa me nneɛma a minnim ho hwee ho asɛm.
12 Wɔde bɔne tua papa a meyɛ so ka
na wɔma me kra yɛ basaa.
13 Nanso bere a wɔyaree no, mifuraa atweaatam
na mede akɔnkyen brɛɛ me ho ase.
Bere a me mpaebɔ ho mmuae nnya mmae no,
14 mekɔɔ so twaa adwo,
sɛnea meyɛ ma mʼadamfo anaa onuabarima.
Mede awerɛhow sii me ti ase
te sɛ nea meregyam me na.
15 Nanso bere a mihintiw no wɔde anigye boaa wɔn ho ano;
afowfo twaa me ho hyiae a minnim,
na wodii me ho nseku a wɔantwa so da.
16 Wɔde adwemmɔne dii me ho fɛw te sɛ nnipa a wonni nyamesu,
wɔtwɛree wɔn se guu me so.
17  Awurade, wobɛhwɛ wɔn akosi da bɛn?
Gye me nkwa fi wɔn sɛe mu,
gye me nkwa a ɛsom bo no fi saa gyata yi nsam.
18 Na mɛda wo ase wɔ guabɔ kɛse ase;
wɔ nnipa dodow mu na mɛkamfo wo.
 
19 Mma mʼatamfo a wɔtan me kwa no
nhwɛ me haw nserew.
Mma wɔn a menyɛɛ wɔn hwee nanso wɔtan me no
mmfa adwene bɔne mmu me anikyiw.
20 Wɔnnkasa asomdwoe so,
na mmom, wɔde ntwatoso
tia nnipa a wɔmpɛ wɔn ho asɛm wɔ asase yi so.
21 Wɔhwɛ me haw ka se, “Yiw! Yiw,
yɛde yɛn ankasa ani ahu.”
 
22  Awurade, woahu na mmua wʼano.
Ntwe wo ho nkɔ akyiri, Awurade.
23 Nyan, sɔre na bɛbɔ me ho ban!
Ka bi ma me, me Nyankopɔn ne mʼAwurade.
24 Di mʼasɛm ma me wɔ wo trenee no mu, Awurade me Nyankopɔn;
mma wɔnnhwɛ me haw nserew.
25 Mma wɔnnwene nka se, “Yiw, nea yɛpɛ ni!”
anaa wɔnnka se, “Yɛanya no.”
 
26 Ma wɔn a wɔhwɛ me haw serew me wɔ mʼahohiahia mu no
nyinaa anim ngu ase na wɔnyɛ basaa;
ma wɔn a wodi me so akokurokosɛm no
nhyɛ aniwu ne animguase atade.
27 Ma wɔn a wodi ahurusi wɔ me bembu ho no
mfa anigye ne ahosɛpɛw nteɛ mu
bere nyinaa mu; ma wɔnka se, “Momma Awurade so,
ɔno na nʼani gye ne somfo yiyedi ho.”
28 Me tɛkrɛma bɛka wo trenee,
ne wʼayeyi, da mu nyinaa.
Wɔde ma dwonkyerɛfo.