Dwom 36
Awurade somfo Dawid dwom.
Nkɔmhyɛ bi wɔ me koma mu a efi Onyankopɔn hɔ
a ɛfa omumɔyɛfo mmarato ho.
Onyankopɔn suro nni wɔn ani so.
Na ɔno ankasa ani so no ɔdaadaa no ho dodo,
nti ɛmma onhu ne bɔne nnyae yɛ.
Nʼanom nsɛm yɛ atirimɔden ne nnaadaa;
onnim nyansa bio na wayɛ papa.
Ɔda ne mpa so mpo a ɔbɔ pɔw bɔne;
na ogyaa ne ho ma bɔne kwan
na ɔmpo nea enye.
 
Awurade, wʼadɔe du ɔsorosoro
wo nokwaredi du wim tɔnn.
Wo trenee te sɛ mmepɔw akɛse.
Wʼatɛntrenee mu dɔ sɛ po bun.
Ao Awurade, wokora nnipa ne mmoa nyinaa so.
Wʼadɔe a ɛnsa da no som bo!
Nnipa mu akɛse ne nketewa
nya guankɔbea wɔ wo ntaban nwini ase.
Wodi nea abu so wɔ wo fi,
woma wɔnom fi wʼanika asuten no mu.
Wo nkyɛn na nkwa asuti wɔ;
wo hann mu na yehu hann.
 
10 Kɔ so dɔ wɔn a wonim wo,
ma wo trenee ntena wɔn a wɔteɛ, koma mu.
11 Mma ɔhantanni nan ntia me
anaa omumɔyɛfo nsa nnsunsum me.
12 Hwɛ sɛnea nnebɔneyɛfo ahwehwe ase,
wɔdeda hɔ a wɔrentumi nsɔre bio.