Dwom 45
Koramma dwom. Ayeforohyia dwom.
Botae bi a edi mu akanyan me koma
bere a merebɔ ɔhene mmran no;
me tɛkrɛma yɛ ɔkyerɛwfo kunini bi kyerɛwdua.
 
Wudi mu koraa wɔ mmarima mu
na wɔde adom bi asra wʼano,
esiane sɛ Onyankopɔn ahyira wo afebɔɔ no nti.
Fa wʼafoa bɔ wo nkyɛn mu, okokuroko;
fa anuonyam ne kɛseyɛ fura.
Fa wo kɛseyɛ mu kɔ wʼanim nkonimdi so
wɔ nokware, ahobrɛase ne trenee mu;
ma wo nsa nifa nna wo nnwuma a ɛyɛ nwonwa no adi.
Ma wo bɛmma nnamnam no nhwirew ɔhene atamfo koma mu;
na ma amanaman nhwe wʼanan ase.
Ao Onyankopɔn, wʼahengua no bɛtena hɔ daa daa;
trenee ahempema bɛyɛ wʼahenni no ahempema.
Wodɔ trenee na wukyi bɔne.
Ɛno nti Onyankopɔn, wo Nyankopɔn de wo asi wo mfɛfo so,
na ɔde anigye ngo asra wo.
Kurobow, pɛprɛ ne bɛwewonua hua agye wo batakari mu nyinaa;
sanku so nnwom a efi ahemfi a wɔde asonse asiesie ho mu
ma wʼani gye.
Ahemfo mmabea ka wo mmea atitiriw ho;
wo nsa nifa so na ayeforo dehye a ɔhyɛ Ofir sikakɔkɔɔ gyina.
 
10 Ɔbabea tie, dwene ho, na yɛ osetie;
ma wo werɛ mfi wo nkurɔfo ne wo papa fi.
11 Wʼahoɔfɛ asɔ ɔhene no ani;
di no ni, efisɛ ɔno ne wo wura.
12 Tiro Babea de ayɛyɛde bɛba;
mmarima adefo bɛdɛfɛdɛfɛ wo.
 
13 Ɔhene babea a ɔwɔ ne pia mu no yɛ onuonyamfo
wɔde sikakɔkɔɔ abobɔ nʼatade yuu mu.
14 Ɔhyɛ ntade a wɔadi mu adwinni na wɔde no kɔma ɔhene;
ne mfɛfo mmabun di nʼakyi
na wɔde wɔn nyinaa brɛ wo.
15 Wɔde ahosɛpɛw ne anigye kɔ mu;
wɔhyɛn ɔhempɔn no ahemfi.
 
16 Wo mmabarima besi wʼagyanom anan mu
wobɛyɛ wɔn mmapɔmma wɔ asase no so nyinaa.
17 Mɛma wɔakae wo wɔ awo ntoatoaso nyinaa mu;
ɛno nti amanaman bɛkamfo wo daa nyinaa.
Wɔde ma dwonkyerɛfo.