Dwom 44
Koramma “maskil” dwom.
Ao, Onyankopɔn, yɛde yɛn aso ate;
yɛn agyanom aka akyerɛ yɛn;
nea woyɛɛ wɔ wɔn bere so,
wɔ tete mmere no mu.
Wode wo nsa pam amanaman no
na wobɔɔ yɛn agyanom atenase;
wodwerɛw nnipa no
na womaa yɛn agyanom dii yiye.
Ɛnyɛ wɔn afoa na wɔde nyaa asase no,
na ɛnyɛ wɔn nsa na ɛmaa wɔn nkonimdi;
ɛyɛ wo nsa nifa, wo basa,
ne wʼanim hann, efisɛ na wodɔ wɔn.
 
Woyɛ me Hene ne me Nyankopɔn,
nea ɔhyɛ nkonimdi ma Yakob.
Ɛnam wo so na yɛpam yɛn Atamfo;
wo din mu na yetiatia wɔn a wokyi yɛn no so.
Memmfa me ho nto mʼagyan so,
mʼafoa remfa nkonimdi mmrɛ me;
na wo na woma yedi yɛn atamfo so
wugu wɔn a wɔtan yɛn no anim ase.
Onyankopɔn mu na yɛhoahoa yɛn ho da mu nyinaa,
na yɛbɛkamfo wo din no daa daa.
 
Nanso mprempren woapo yɛn abrɛ yɛn ase;
wone yɛn asraafo nkɔ ɔsa bio.
10 Woma yeguan fii dɔm anim,
ma yɛn atamfo fom yɛn agyapade.
11 Wuyii yɛn maa sɛ wonkum yɛn sɛ nguan
na woahwete yɛn wɔ amanaman no mu.
12 Wotɔn wo nkurɔfo fofoofow,
na woannya mfaso biara amfi mu.
 
13 Woayɛ yɛn ahohorade ama yɛn afipamfo,
animtiaabude ne aserewde ama wɔn a wɔatwa yɛn ho ahyia.
14 Woayɛ yɛn kasabebui wɔ aman no mu
na nnipa no wosow wɔn ti de gu yɛn so.
15 Mʼanimguase di mʼanim daa,
na aniwu akata mʼanim,
16 esiane wɔn a wɔbɔ me ahohora na wɔkasa tia me de yi me ahi,
esiane ɔtamfo a nʼani abere sɛ ɔbɛtɔ were no nti.
 
17 Eyinom nyinaa too yɛn de,
nanso yɛn werɛ mfii wo,
na yemmuu wʼapam no nso so ɛ.
18 Yɛn koma ntwe mfii wo ho;
na yɛn anan nso mman mfii wo kwan so ɛ.
19 Nanso wodwerɛw yɛn yɛɛ yɛn sakraman tu
na wode sum kabii kataa yɛn so.
 
20 Sɛ na yɛn werɛ afi yɛn Nyankopɔn din
anaa sɛ yɛatrɛw yɛn nsam akyerɛ ananafo nyame a,
21 anka Onyankopɔn behu,
efisɛ onim koma mu ahintasɛm.
22 Nanso wo nti wokum yɛn daa nyinaa;
wobu yɛn sɛ nguan a wɔrekokum wɔn.
 
23 Nyan, Awurade! Adɛn nti na woada?
Keka wo ho! Nnyaw yɛn hɔ afebɔɔ.
24 Adɛn nti na wode wʼanim ahintaw
na wo werɛ fi yɛn ahohia ne nhyɛso?
 
25 Wɔabrɛ yɛn ase kɔ dɔte mu
na yɛn nipadua aka afam dɔte.
26 Sɔre bɛboa yɛn;
wʼadɔe a ɛnsa da no nti, gye yɛn.
Wɔde ma dwonkyerɛfo. Wɔde “lilie” sanku dwontobea na ɛtoe.